1 Efe 4.22 Enti munyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nseku nyinaa ntotow ngu,
2Heb 5.12-13; Mat 18.3 na mompɛ asɛm no nufusu kronkron mapa, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu,
3Nnw 34.8 bere a moaka ahwɛ sɛ Awurade yam ye.
4 Nnw 118.22 Ɔno na moba ne nkyɛn sɛ ɔbo a nkwa wom a nnipa apa no na Onyankopɔn de, wafa no na ne bo yɛ den a,
5Efe 2.21-22; 1 Pe 2.9; Rom 12.1 mo nso momma wɔmfa mo sɛ abo a nkwa wom nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuw kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔre a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Onyankopɔn ani.
6Yes 28.16 Efisɛ ɛwɔ kyerɛw no mu sɛ:
Hwɛ, mede tweaso tibo
a wɔayi no na ne bo yɛ den mato Sion,
na nea ogye no di no ani renwu.
7 Mat 21.42 Enti mo a mugye no di no, nea ɔsom bo no yɛ mo de. Na wɔn a wonnye nni no de,
ɔbo a abantofo apo no
na ayɛ tweaso tibo,
8 Yes 8.14; Rom 9.33 ne
hintibo ne hintiduato botan ama wɔn,
Wɔn na wohintiw,
efisɛ wontie asɛm no.
Ɛno nti na woyii wɔn mae.
9 Eks 19.6; Adi 1.6 Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ.
10 Hos 2.23; Rom 9.25 Mo a kan no monyɛ ɔman,
na afei moayɛ Onyankopɔn man,
mo a munnyaa mmɔborohunu,
na afei de, moanya mmɔborohunu.
Montena ase sɛ Onyankopɔn nkoa11 Nnw 39.12; Yak 4.1 Adɔfo, mitu mo fo sɛ ahɔho ne amamfrafo, sɛ munyi mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho,
12Mat 5.16 na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”.
13 Rom 13.1-7; Tito 3.1 Mommrɛ mo ho ase mma nnipa tumi nyinaa, Awurade nti; Ɔhene a ɔyɛ opumpuni oo,
14sɛ nso amradofo a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfo asotwe ne papayɛfo ayeyi ho oo.
151 Pe 3.16 Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ siw nnipa a wonni adwene no nkwaseasɛm ano,
16Gal 5.13 sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadi no ayɛ bɔnepɛ so nkataso, na mmom sɛ Onyankopɔn nkoa.
17Rom 12.10; Mmb 24.21; Mat 22.21 Munni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Munsuro Onyankopɔn! Munni ɔhene ni!
Kristo amanehunu nhwɛso18 Efe 6.5; Tito 2.9 Nkoa, momfa osuro nyinaa mmrɛ mo ho ase mma mo wuranom, ɛnyɛ wɔn a woye na wodwo nko, na wɔn a wɔhyɛ mo so nso bi.
19Na eyi yɛ anuonyam, sɛ Onyankopɔn ho ahonim nti, obi de awerɛhow hu amane a ɛmfata no, na ogyina hɔ pintinn.
201 Pe 3.14; 3.17; 4.13-14; Mat 5.10 Na ɛyɛ anuonyam bɛn, sɛ mofom, na wɔbobɔ mo akuturuku, na motɔ mo bo ase gye? Na mmom sɛ moyɛ papa, na muhu mu amane, na motɔ mo bo ase a, eyi na ɛyɛ anuonyam Onyankopɔn anim.
21 Mat 16.24 Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo, gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.
22 Yes 53.9; Yoh 8.46; 2 Ko 5.21 Ɔno na wanyɛ bɔne,
nanso wɔanhu nnaadaa n’anom.
23Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanhunahuna, na mmom ɔde n'asɛm hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.
241 Yoh 3.5; Rom 6.11 Ɔno ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma trenee. Ɔno na wɔde ne mmaa atape asa mo yare.
25Yes 53.6; Hes 34.5; Yoh 10.12; 1 Pe 5.4 Na anka mote sɛ nguan a wɔayera, na afei moasan aba mo kra Hwɛfo ne Wɛmfo nkyɛn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.