Hiob 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Hiob su n’awerɛhow, na ɔkasa tia ne nnamfo no denyɛ

1Na Hiob gyee so sɛ:

2Sɛ anka wɔkari m’awerɛhow,

na wɔde me yaw nso gu nsenia mu ma so ɛ!

3Ɛno de anka ɛbɛsen mpoano nwea mu duru,

enti na me nsɛm ayɛ hyerebahyereba yi,

4 Nnw 38.2 na Otumfo agyan tuatua me mu,

me honhom renom emu bɔre,

Onyankopɔn ahiiyide atwa me so mpasua.

5So torɔm nya sare momono a, ɔteɛteɛm?

Anaa nantwi su n’afrafraduan so?

6So wodi aduan hunu a nkyene nni mu?

So dɛ bi wɔ nkosua ho fufu mu?

7Ade a me kra ampɛ sɛ ɛbɛka me no,

ɛno ara na ayɛ me aduan a ɛyɛ me nwini.

8Oo, sɛ anka menya nea mibisa,

na Onyankopɔn bɛma me nea m’ani gyina no ɛ!

9Sɛ anka Onyankopɔn pene na ɔpɛtɛw me,

na ɔto ne nsa ɔkwan na etwa me ɛ!

10Anka ɛbɛyɛ me awerɛkyekye ara na madi ahurusi,

ɛyaw a ɛnkyɛe me so no mu,

efisɛ mensan ɔkronkronni no nsɛm no ɛ!

11M’ahoɔden ne dɛn, sɛ mede mɛtɔ me bo ase,

na m’awiei ne dɛn, sɛ me kra bɛkyɛ ho?

12So m’ahoɔden yɛ abo ahoɔden,

so me honam yɛ kɔbere?

13So ɛnyɛ ɔboa bi na enni me mu,

na wɔatu ahoɔden afi me ho?

14Nea n’ahome tew no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔe;

anyɛ saa a, ogyaa Otumfo no suro.

15 Nnw 38.11 Me nuanom twa nkontompo sɛ asusosuwa,

sɛ asubon a emu nsuwansuwa resen kɔ.

16Nsukyenee nti ani fono,

sukyerɛma hyɛn mu hintaw.

17Sɛ ɔhyew ka no a, ɛyera,

ahohuru mu ɛyera fi n’afa,

18n’akwantemfo no akwan kɔntɔnkɔntɔn,

ɛdan huruhuro kɔ soro na ɛyera.

19 Gye 25.15; Hiob 1.15 Tema akwantemfo asafo no hwɛe,

Seba anantefo ani daa so,

20wɔn ani wui sɛ wɔde wɔn ani too so,

wokoduu ho, na wɔn anim guu ase.

21Na afei saa ara mote,

moahu m’awerɛhow yi, nso moannya tema biara amma me.

22So maka sɛ mommrɛ me biribi,

na me nti momfa mo ade bi nkyɛ,

23na munyi me ɔhohiafo nsam,

na munnye me mfi nhyɛsofo nsam anaa?

24Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm,

na nea mafom so no, momma minhu.

25Monhwɛ sɛnea asɛntrenee yɛ den fa!

Na mo ntɛnyi yi de, animka bɛn na ɛwom?

26So nsɛm ho animka na mudwen?

Ɔwerɛhowni nsɛm te sɛ mframa.

27Ayisaa so mpo morebɔ ntonto,

na mo yɔnko ti nso moredi ano.

28Na afei mompɛ ani pa nhwɛ me,

na merenni atoro mo anim ha.

29Mompɛ mu bio ɛ, na mummmu ntɛnkyew;

na monsan mpɛ mu, na m’asɛm wom ara.

30So nea ɛnteɛ bi wɔ me tɛkrɛma so,

anaasɛ me dodom nhu abusude?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help