1Na Elihu kɔɔ so sɛ:
2Ma me kwan kakra, na menkyerɛ wo,
na meda so wɔ nsɛm bi meka ma Onyankopɔn.
3Mɛfa me nimdeɛ afi akyirikyiri,
na mede me yɛfo no bem mama no.
4Na ampa, me nsɛm nyɛ atoro!
Nea odi mu nimdeɛ mu na ɔne wo wɔ hɔ yi.
5Hwɛ, Onyankopɔn yɛ kɛse,
na ommu obi animtiaa,
ɔyɛ ɔkɛse ntease tumi mu.
6 Nnw 72.4, 12 Ɔmma ɔbɔnefo nnya nkwa,
na ɔde amanehunufo bem ma wɔn.
7Onyi n’ani mfi ɔtreneeni so,
na ɔma wɔne ahene tena agua so daa,
na wɔma wɔn so.
8Na sɛ wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn,
na wɔde amane nhama akyere wɔn a,
9ɛnna ɔka wɔn nneyɛe kyerɛ wɔn,
ne wɔn mmarato, sɛ wɔama wɔn ho so,
10 Hiob 33.16 na obue wɔn aso ma nteɛso,
na ɔka sɛ wɔnsan mfi abusude ho.
11Sɛ wotie na wɔsom no a,
wowie wɔn nna di yiyedi mu,
ne wɔn mfe nso, nea ɛyɛ wɔn dɛ mu.
12Na sɛ wɔantie a, wɔtɔ dade ano,
na wogyaa mu, nimdeɛ a abɔ wɔn no mu.
13Na koma mu ansuronyamefo kora abufuw,
sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkotɔ nsrɛ.
14Wɔn kra wu mmerantebere mu,
na wɔn nkwa sɛe sɛ nguamanfo de no.
15 Hiob 36.10 Oyi ɔmanehunufo n’amane mu,
na obue wɔn aso ahoguan no mu.
16Anka obegye wo nso afi ahohia mu
akɔ nea ɛhɔ trɛw a ahokyere nni hɔ,
na srade ayɛ wo pon so aduan ma.
17Nanso ɔbɔnefo atemmu ayɛ wo ma,
atemmu ne atɛntrenee aso wo mu.
18Na mma abufuw nnnyigye wo nnkɔ ahiiyi mu,
na mma agyede no dodow nnhima w’ani.
19So w’ahonyade anaa wo tumi ahoɔdenne nyinaa
de wo besi nea ahohia nni hɔ anaa?
20Mpere anadwo ho,
sɛ ɛmmɛpra aman mfi wɔn afa.
21Hwɛ yiye, nnan w’ani nkɔ ahuhude so,
efisɛ wopɛ ɛno mmom sen amanehunu.
22 Nnw 25.9 Hwɛ, Onyankopɔn di ne tumi mu asɛnkɛse,
hena ne ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno?
23Hena na ɔhyɛɛ no sɛnea ɔnyɛ n’ade mfa,
na hena na ɔbɛka sɛ: Woadi asɛmmɔne?
24Kae sɛnea wobɛkamfo ne nneyɛe
a adasamma ato ho dwom no.
25Nnipa nyinaa hwɛ ara;
ɔdesani fi akyirikyiri hwɛ.
26Hwɛ, Onyankopɔn so, na yennim no,
ne mfe dodow nso mu nni hwehwɛbea.
27 Hiob 5.10 Ɔno na ɔtwe nsu atɔwatɔw,
a ɛsosɔ ne mununkum mu su,
28a efi mununkum mu tɔ gu fam,
ɛtɔ pii gu nnipa so.
29 Nnw 104.3 So obi betumi ate omununkum mu trɛw
ne ne ntamadan mu kurududuyɛ no ase anaa?
30 Nnw 18.14-15 Hwɛ, ɔtrɛw ne hann mu wɔ no so,
na ɔkata po ntini so.
31Na ɛno na ɔde di aman asɛm,
ɔde aduan bebree nso ma.
32Ɔde hann katakata ne nsa ho,
na ɔhyɛ ma ekosi botae bi mu,
33Ne mmobom ka ne ho asɛm,
mmoakuw po ka asɛm fa ahum a ɛreba no ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.