1Me sufrɛ mu gye me so, me trenee Nyankopɔn!
Ahohia mu, boa me.
Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.
2Mo mmarima mma, m’anuonyam bɛdan ahohora akosi da bɛn?
Mobɛdɔ ade hunu, mubedi atoro akyi akosi da bɛn? Sela
3
5 Nnw 51.17, 19 Mommɔ trenee afɔre,
na momfa mo ho ntweri AWURADE.
6 Num 6.25-26 Nnipa bebree bisa sɛ: Hena na ɔbɛma yɛahu papa?
AWURADE, tew w'anim ma ɛnharan yɛn so.
7Wode anigye ahyɛ me komam asen
bere a wɔn aburow ne wɔn nsaforo dɔɔso no.
8 Lew 26.6; Nnw 3.5 Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko;
na wo, AWURADE, nko na woma metena hɔ dwoodwoo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
