Yeremia 47 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Filistifo asase ho atemmusɛm

1 Yes 14.29-32; Hes 25.15-17 AWURADE asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn Filistifo ho, ansa na Farao bae bɛtoaa Gasa no ni:

2Sɛ AWURADE se ni:

Hwɛ, nsu rema ne ho so afi atifi fam

na ayɛ asu a ɛreyiri asram asase ne ne mayɛ,

nkurow ne wɔn a wɔte mu no so.

Na nnipa bɛteɛteɛɛm,

na asase no sofo abɔ abubuw,

3wɔn apɔnkɔ akunini ntɔte a esisi fam tim tim no,

kitikitiyɛ ne wɔn nteaseɛnam a ɛyɛ twɛtwɛrɛdɛdɛ ne n’anan huuyɛ nti,

agyanom nnan wɔn ani nhwɛ wɔn mma,

wɔn nsa mu gow no nti,

4 Amos 9.7 Esiane ɛda a ɛreba

abɛsɛe Filistifo nyinaa,

atwitwa Tiro ne Sidon

aboafo a aka no nyinaa nti,

na AWURADE rebɛsɛe Filistifo,

Kaftor supɔw mu nkae no.

5 Amos 1.6-8; Sef 2.4; Sak 9.5; Yer 41.5; 48.37 Tipae aba Gasa so,

Askelon ayɛ komm

Ao bon mu tumi nkae.

Wobɛbɔ wo ho akam akosi da bɛn?

6Ao, AWURADE afoa,

enkosi da bɛn ansa na wo ho adwudwo?

San kɔhyɛ wo boha mu,

home na yɛ dinn ɛ!

7Ɛbɛyɛ dɛn na adwudwo,

sɛ AWURADE ahyɛ no yi?

Askelon ne mpoano hɔ

na wahyɛ sɛ ɛmmra.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help