2 Berɛsosɛm 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Abigya di Yeroboam so nkonim

1 1 Ah 15.1-8 Ɔhene Yeroboam afe a ɛto so dunwɔtwe so no, Abigya bedii Yuda so hene.

2Mfe abiɛsa na odii hene Yerusalem, na ne na din de Mikaia, Uriel ba a ofi Gibea. Na ɔko baa Abigya ne Yeroboam ntam.

3Na Abigya de mmarima akofofo dɔm a ano si nnipa a wɔapaw wɔn ɔpehannan yɛɛ ɔsa no, na Yeroboam de nnipa ɔpehanwɔtwe, mmarima a wotumi a wɔapaw wɔn ne no bɛbɔɔ ani.

4Na Abigya sɔree Semaraim bepɔw a ɛwɔ Efraim mmepɔw so no atifi, na ɔkae sɛ: Yeroboam ne Israel nyinaa, muntie me.

5Lew 2.13; Num 18.19 So munnim sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no de Israel so ahenni ama Dawid de rekosi daa sɛ nkyene apam ama ɔno ne ne mma anaa?

6Na Nebat ba Yeroboam a ɔyɛ Dawid ba Solomon akoa no sɔre tew ne wuranom anim atua,

7na nnipa hunu ahuhufo ne no boom hyɛɛ wɔn ho den tiaa Solomon ba Rehoboam, nso na Rehoboam yɛ abofra na ne koma yɛ mmerɛw, enti wantumi wɔn.

8 1 Ah 12.28 Na afei, mo de, muse moresɔre atia AWURADE ahenni a ɛwɔ Dawid mma nsam no, efisɛ modɔɔso na mowɔ sika anantwi a Yeroboam ayɛ ama mo sɛ anyame.

92 Be 11.15 So muntutuu AWURADE asɔfo, Aaron mma no ne Lewifo no, na moayɛ asɔfo afa sɛ nsaase so aman no? Obiara a ɔba sɛ wonnye n’antwiforo ne adwennini ason mfa asɔfodi nhyɛ ne nsa no na wayɛ ɔsɔfo ama nea ɛnyɛ Onyankopɔn no.

10Na yɛn de, AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, na yennyaw no ɛ, na asɔfo a wɔsom AWURADE no yɛ Aaron mma, na Lewifo no kura wɔn adwuma mu.

11Num 28.3-8 Na wɔhyew ɔhyew afɔre ma AWURADE daa anɔpa ne anwummere ne ɔhyew aduhuam no. Na wosiesie Kyerɛ Abodoo wɔ ɔpon kronkron no so, na sika kaneadua ne n’akanea no, wɔsɔ daa anwummere. Na yɛn de, yɛyɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ahyɛde no, na mo de, moagyaw no.

12Num 10.9 Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho di ti, ne n’asɔfo ne osebɔ ntorobɛnto, sɛ wɔde bɛbɔ ose ahyɛ mo. Israel mma, mo ne AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no, nnko, na ɛrensi mo yiye.

13Na Yeroboam maa atɛwfo buu wɔn ho braka na wɔabefi wɔn akyi. Na wɔwɔ Yuda anim, na atɛwfo no wɔ wɔn akyi.

14Na Yuda dannan wɔn ani no, na hwɛ, dɔm no wɔ anim ne akyi. Ɛnna wɔteɛɛm frɛɛ AWURADE, na asɔfo no hyenhyɛn ntorobɛnto.

15Na Yuda mmarima bobɔɔ ose. Na Yuda mmarima no bobɔɔ ose no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel nyinaa gui Abigya ne Yuda anim.

16Na Israelfo no gui Yuda anim, na Onyankopɔn de wɔn hyɛɛ wɔn nsa.

17Na Abigya ne ne man kunkum wɔn okunkɛse, na apirafo a wɔtotɔe Israel mu si nnipa a wɔapaw wɔn ɔpehannum.

18Na wɔbrɛɛ Israelfo no ase bere no mu, na Yudafo no ho yɛɛ den, efisɛ wotweri AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.

19Na Abigya tiw Yeroboam, na okogyee ne nsam nkurow: Betel ne ɛho nkurowa, ne Yesana ne ɛho nkurowa, ne Efron ne ɛho nkurowa.

20Na Yeroboam annya tumi bi bio Abigya bere so. Na AWURADE kaa no ma owui.

21Na Abigya de, onyaa tumi, na ɔwarewaree yerenom dunan, na ɔwowoo mmammarima aduonu abien, ne mmabea dunsia.

222 Be 12.15 Na Abigya ho nsɛm nkae ne n’akwan ne ne nsɛm, wɔakyerɛw odiyifo Ido nkyerɛase nhoma no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help