1Bere a woduu Ekbatana no, Tobias see no sɛ: Onua Asaria, wo ne me nkɔ Raguel fi ntɛm. Woduu hɔ no, wohuu no sɛ ɔte n'aboboano na wokyiaa no, ma ogyee wɔn so, ɔmaa wɔn akwaaba, bisaa wɔn sɛnea wɔn ho te.
2Na Raguel see ne yere Edna sɛ: Aberante no sɛ me nua Tobit.
3Ɛnna Edna bisaa wɔn sɛ: Anuanom, mo fi he? Na wobuaa no sɛ: Yɛyɛ Naftali asefo a wɔwɔ nnommum mu wɔ Niniwe no bi.
4Nti obisaa wɔn sɛ: Munim yɛn nua Tobit anaa? Na wɔkae sɛ: Yiw, yenim no. Na obisaa wɔn sɛ: Ne ho te dɛn?
5Wobuaa sɛ ɔte ase na no ho ye. Na Tobias de kaa ho sɛ: Ɔyɛ m'agya.
6Gye 33.4; 45.14; Luka 15.20 Ɛnna Raguael huru gyinae na ɔfew n'ano, sui.
7Na ohyiraa no, see no sɛ: Onipa pa, nimdefo ba ne wo! Na ɔtee sɛ Tobit aniwa afura no, awerɛhow kaa no, ma osui sɛ asɛm a ɛte sɛɛ ato no, ɔyɛɛ Tobias atuu.
8Na ne yere Edna ne ne babea Sara nso sui.
9Na Raguel de anigye gyee wɔn, na okum odwennini a ɔwɔ ne nguan mu no, na ɔtoo wɔn pon kɛse pa ara.
Tobias ware SaraNa bere a worebedidi no, Tobias see Rafael sɛ, Onua Asaria, ka kyerɛ Raguel na ɔmfa Sara mma me aware ɛ.
10Raguel tee asɛm no, osee Tobias sɛ: Didi, na nom na gye w'ani; efisɛ wo nkutoo na ɛsɛ sɛ woware me ba yi. Minni ho kwan sɛ mede no ma ɔbarima biara gye wo nko, efisɛ woyɛ obusuani. Mmom ma menka nokware a ɛwɔ mu nkyerɛ wo.
11Mede me babea no ama kununom baasɔn aware, na sɛ wɔn mu biara kɔ ne nkyɛn nna a, anadwo no ara na wawu. Mmom seisei ara de didi na nom na Awurade bedi w'asɛm ama wo. Na Tobias kae sɛ: Merenni hwee wɔ ha kosi sɛ wo ne me besi gyinae wɔ asɛm yi ho. Nti Raguel kae sɛ: Fa no yɛ wo yere, sɛnea Mose mmara no ka no, ne sɛnea wɔahyɛ ato hɔ afi soro no. Woyɛ obusuani, na ɔyɛ wo ara wode. Mede no ama wo koraa fi nnɛ rekɔ. Me ba, Ɔsoro Nyankopɔn nkyerɛ mo kwan na onhyira mo anadwo yi, na ɔmma mo asomdwoe na ensi yiye.
Awaregye no12Na ɔfrɛɛ ne babea Sara, na osoo ne nsam, de no maa Tobias sɛ ɔnware no, na osee no sɛ: Ɔno ni, fa no ware no sɛnea Mose mmara kyerɛ no, na fa no kɔ kyerɛ w'agya. Na ohyiraa wɔn sɛ: Ɔsorosoro Nyankopɔn mma mo akwantu nyɛ dwoodwoo.
13Akyiri yi ɔfrɛɛ ne yere Edna, na ɔkyerɛwee awaregye nhyehyɛɛ no wɔ nhoma so, na ɔde wɔn nsɔano sisii so, na ɔde ne babea no maa no aware, sɛnea Mose mmara kyerɛ no.
14Afei wɔhyɛɛ ase sɛ wɔredidi na wɔrenom.
15Na Raguel frɛɛ ne yere Edna, na osee no sɛ: Awuraa, siesie dan biako no mu na fa Sara kɔ hɔ.
16Nti ɔyɛɛ sɛ wosee no no, na ɔde Sara kɔɔ mu no, na osu maa no, na osee no sɛ: Nya akokoduru, me ba; ɔsoro ne asase wura mfa anigye nhyɛ w'awerɛhow ananmu. Me babea, nya akokoduru na ne na gyaw no hɔ kɔe.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.