Deuteronomium 33 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mose hyira Israel

1 Gye 49 Na eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo ansa na owui. Na ɔkae sɛ:

2 Yuda 14 AWURADE fi Sinai bae,

na opue fii Seir maa wɔn,

ɔharan fii Paran bepɔw so;

ofi akronkronfo pii mu na ɛbae,

ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.

3Yiw, ɔdɔ ne man,

n’akronkronfo nyinaa wɔ ne nsam.

Na wɔn de, wɔboaboa wo nan ase,

na wotie w’asɛm.

4Mmara na Mose hyɛɛ yɛn,

Yakob bagua agyapade;

5 Eks 15.18; Yes 44.2; Eks 19.7-8 na ɔyɛɛ Yesurun mu hene,

ɛda a ɔman no atitiriw hyiae

na Israel mmusuakuw nyinaa hyiaa faako no.

Mmusuakuw dumien no nhyira

6Ruben nnya nkwa na onnwu,

na ne mmarima nso nnyɛ ketewa.

7Na Yuda nso de ni, ose:

AWURADE, tie Yuda nne,

na fa no kɔ ne man nkyɛn;

ma wo nsa nko mma no,

na yɛ no ɔboafo fi n’ahohiafo nsam.

8 Eks 28.30; Eks 17; Deut 20 Na Lewi ho de, ɔkae sɛ:

Wo nokware ne wo hann wɔ wo hotefo no,

nea wosɔɔ no hwɛe Masa hɔ

na wo ne no hamee Meriba asu ho no;

9 Mat 10.37; Eks 32.26-29 nea ɔkae wɔ n’agya ne ne na ho sɛ:

Minnim wɔn! Na ɔpaa ne nuanom,

na ɔpoo n’ankasa ne mma no.

Na wodi wo nsɛm so, na wɔkora w’apam.

10Wɔde w’atemmude bɛkyerɛ Yakob,

na wɔde wo mmara akyerɛ Israel;

wɔde aduhuam betua wo hwene ano,

na wɔde afɔre amuamu begu w’afɔremuka so.

11AWURADE, hyira n’ahonyade so,

na ma ne nsa ano adwuma nsɔ w’ani;

bobɔ wɔn a wɔsɔre hyɛ no no dwonku,

ne wɔn a wɔtan no, na wɔansɔre bio.

12Benyamin ho nso, ɔkae sɛ:

AWURADE dɔfo bɛtena ne nkyɛn dwoodwoo;

ɔkata no so daa nyinaa,

na ɔbɛtena ne mmati so.

13Na Yosef ho nso, ɔkae sɛ:

AWURADE nhyira n’asase;

ɔmma no ɔsoro nnepa,

obosu ne ebun a ɛtrɛw ase no de,

14ne owia mu nnɔbae nnepa,

ne nea asram ma efifi mu nnepa,

15ne tete mmepɔw atifi

ne daapem nkoko nnepa,

16 Eks 3.2; Gye 49.26 ne asase ne ne mayɛ mu nnepa,

ne nea ɔte nkyɛkyerɛ no mu no anisɔ;

wɔmma ɛmmra Yosef atifi,

ne ne nuanom mu hotuafo no mpampam.

17Ne nantwinini abakan, anuonyam wɔ no,

na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn;

ɛno na ɔde besunsum aman nyinaa agu akodu asase ano.

Efraim dodow ne no,

na Manase mpem ne no.

18Na Sebulon ho nso, ɔkae sɛ:

Sebulon, ma w’ani nnye w’adifi mu,

ne Isakar, wo ntamadan mu.

19Wɔbɛfrɛ aman akɔ bepɔw no so,

ɛhɔ na wɔbɛbɔ trenee afɔre;

na wobefew po mu mmoroso

ne nwea mu ademude a ahintaw

20Na Gad ho nso, ɔkae sɛ:

Nhyira ne nea ɔtrɛw Gad mu;

obutuw hɔ sɛ gyatabere,

ɔtetew basa ne mpampam;

21 Deut 32 ɔno na ɔpaw nea eye no fae,

na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfo no kyɛfa;

na ɔnam di ɔman no atitiriw mu,

ɔyɛ AWURADE treneede

ne n’atemmude wɔ Israel.

22Na Dan ho nso, ɔkae sɛ:

Dan yɛ gyataforo,

ohuruw fi Basan.

23Na Naftali ho nso, ɔkae sɛ:

Naftali a anisɔ amee no,

na AWURADE nhyira ayɛ no ma,

fa ɛpo ne ahohuru asase no di so

24Na Aser ho nso, ɔkae sɛ:

Wɔmfa mma nhyira Aser,

ɔnyɛ nea ɔsɔ ani ne nuanom mu,

na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.

25Dade ne kɔbere nyɛ w’adaban,

sɛ wo nna te no,

saa na w’ahotɔ nyɛ.

26 Yes 44.2 Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn!

Ɔnam soro di boa wo,

ɔde ne kɛseyɛ nam omununkum mu.

27Tete Nyankopɔn ne wo tenabea,

na ase na daapem abasa no wɔ.

Na ɔbɛpam ɔtamfo w’anim,

na waka sɛ: Dwerɛw wɔn.

28 Deut 23.9 Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo,

Yakob asubura no, ne nko na ɔbɛtena,

ɔbɛtena aburow ne nsa asase so;

ne soro nso bɛsosɔ obosu.

29 Deut 4.7-8; Nnw 33.12; 144.15 Nhyira ne wo, Israel,

hena na ɔte sɛ wo,

ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagye!

Ɔyɛ wo boa kyɛm,

na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrante.

W’atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama wo,

na wo de, wubetiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help