Daniel He 8 - Twer? Kronkron(ASWDC)

DANIEL ANISOADEHUNU: ODWENNINI NE ƆPAPO NOAnisoadehunu no

1Ɔhene Belsasar ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii anisoadehunu bi kyerɛɛ me, Daniel, akane deɛ a wɔyi kyerɛɛ me no akyi.

2Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na mewɔ asuo Ulai ho.

3Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu gyina asuo no ano, na mmɛn no woware, na baako ware sene baako, na deɛ ɛwareɛ no na ɛdii akyire firiiɛ.

4Mehunuu odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a ɔbɛgye obi afiri ne nsam, na ɔyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na ɔdi akokurokosɛm.

5Na m’ani gu so rehwɛ no, hwɛ, ɔpapo bi firi atɔeɛ bae a ɔnam asase nyinaa ani, na ne ho nka fam, na ɔpapo no wɔ abɛn a wɔhwɛ a, ɛso, n’ani ntam.

6Na ɔbaa odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu a mehunuu no sɛ ɔgyina asuo no ano no ho, na ɔde n’ahoɔden tuu mmirika hyiaa no.

7Na mehunuu no sɛ ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so, na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na ahoɔden biara nni odwennini no mu sɛ ɔbɛgyina n’anim, na ɔtoo no twenee fam, na ɔtiatiaa ne so, na obiara nni hɔ a ɔbɛyi odwennini no afiri ne nsam.

8Dan 7.6; 11.4 Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo kɔduruu ne mpɔmpɔn soɔ no, abɛn kɛseɛ no bui, na mmɛn nnan a wɔhwɛ a, ɛsosoo fifirii ananmu kyerɛkyerɛ ɔsoro mframa nnan.

9 Dan 7.8; 11.16 Na abɛn ketewa baako firi emu baako mu bae, na ɛyɛɛ kɛse boroo so kyerɛɛ anafoɔ fam ne apueeɛ ne asase fɛfɛ no;

10na ɛyɛɛ kɛse kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotoo asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na ɔtiatiaa wɔn so;

11Dan 11.31 na ɔmaa ne ho so kɔduruu asafo no safohene so, na ɔyii daa afɔdeɛ no firii n’anim, na wɔtoo ne kronkron tenabea hwee fam.

12Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtoo nokorɛ twenee fam, na ɔyɛɛ adeɛ, na ɔdii yie.

13Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforɔ ka kyerɛɛ ɔbaako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wɔntiatia soɔ no ho adehunu no bɛkɔ akɔsie?

14Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛbɛkɔ akɔsi anwummerɛ ne anɔpa mpennu ahasa, ansa na wɔayɛ kronkronbea hɔ yie.

Anisoadehunu no nkyerɛaseɛ

15Na me, Daniel, mehunuu anisoadeɛ no na merepere sɛ mɛte aseɛ no, hwɛ, na obi gyina m’anim, sɛ ɔbarima nsɛsoɔ,

16Dan 9.21 na metee onipa nne, Ulai nsunoa a ɔfrɛɛ sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehunu no ase.

17Dan 10.9 Na ɔbaa deɛ megyina hɔ, na ɔbaeɛ no, mesuroe, na mede m’anim butuu fam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hunu aseɛ, na adehunu no fa awieeɛ berɛ ho.

18Na ɔne me rekasa no, medaa nnahɔɔ, na ɔsɔɔ me mu de megyinaa me nan so bio.

19Na ɔse: Hwɛ, merema woahunu deɛ ɛbɛba abohuro no akyiri berɛ mu, na ɛfa awieeɛ berɛ a wɔahyɛ no ho.

20Odwennini a wohunuu no a ɔwɔ mmɛn mmienu no ne Media ne Persia ahemfo.

21Na ɔpapo a ɔyɛ werɛmfoɔ no ne Hela hene. Na abɛn kɛseɛ a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a ɔdi kan.

22Na deɛ ɛbuiɛ a nnan fifiri sii ananmu no, ahennie nnan bɛsɔre ɔman no mu, nso ɛnnuru akane deɛ no ahoɔden.

23 Dan 11.21 Na wɔn ahennie no akyire berɛ mu

a mmaratofoɔ awie wɔn adeɛ yɛ no,

ɔhene a n’ani yɛ den

na ɔhunu nsɛm a emu yɛ kusuu mu no bɛsɔre.

24Na ne tumi mu bɛyɛ den, nso ɛnyɛ ɔno ara ne tumi;

na ɔbɛsɛe adeɛ ama no ayɛ nwanwa,

na ɔbɛdi yie na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ,

na wasɛe ahoɔdenfoɔ

ne akronkronfoɔ man no.

25Na n’aniteɛ nti

ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam,

na ɔbɛdi n’akoma mu akokurokosɛm

na ɔbɛfiri nkurɔfoɔ bebree awora asɛe wɔn;

na ɔbɛsɔre atia ahene mu hene no,

nanso ɔbɛbubu a ɛnyɛ onipa nsa na ɛbɛbubu no.

26 Dan 12.4 Na anwummerɛ ne anɔpa adehunu a wɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Enti sɔ anisoadehunu no ano, na ɛfa mmerɛ pii ho.

27Na me, Daniel, meyɛɛ samoo, na meyaree nna bi, ansa na meresɔre mayɛ ɔhene adwuma, na adehunu no yɛɛ me ahodwiri, na obiara anhunu mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help