1 Dwom 119.1; 26.4; Mmb 4.14; Yer 15.17 Nhyira ne onipa a
ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu,
na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ,
na ɔntena fɛdifoɔ tenabea,
2 Dwom 119.35, 47, 70, 97; Yos 1.8; Deut 6.7 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho,
na ɔdwene ho awia ne anadwo.
3 Dwom 92.12-15; Yer 17.8 Ɔte sɛ dua
a atim asubɔnten ho
a ɛso n’aba ne berɛ mu,
na n’ahahan mpo,
na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.
4 Dwom 35.5; Hiob 21.18; Hos 13.3 Na abɔnefoɔ deɛ, wɔnte saa,
na wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.
5Enti abɔnefoɔ renni bem atemmuo mu,
na nnebɔneyɛfoɔ rennya kyɛfa wɔ teneneefoɔ asafo mu.
6 Dwom 37.18; Hiob 23.10; 2 Ti 2.19 Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan,
na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
