Esra 7 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Esra kɔ Yerusalem

1 1 Be 6.13 Na nsɛm yi akyiri no, Persiahene Artasasta ahennie mu no, Esra a ɔyɛ Seraia ba Asaria ba Hilkia ba

2Salum ba, Sadok ba, Ahitub ba,

3Amaria ba, Asaria ba, Meraiot ba,

4Seraia ba, Usi ba, Buki ba,

5Abisua ba, Pinehas ba, Eleasa ba, Aaron ɔsɔfo panin no ba,

6Esra 7.9, 28; 8.18, 22; Neh 2.8 ɔno Esra no foro firi Babel bae, nso ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a na wawedare Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de maeɛ no mu. Ɔno na ɔhene de deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no, ɛfiri sɛ na AWURADE ne Nyankopɔn nsa wɔ ne so.

7 Esra 2.43 Na Israelfoɔ mu bi, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa no mu binom ne no foro baa Yerusalem, Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so nson mu.

8Na ɔbaa Yerusalem bosome a ɛtɔ so nnum no so, ɔhene no afe a ɛtɔ so nson no ara mu.

9Esra 7.6 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no so, wɔhyɛɛ sɛ ɔmfiri Babel mforo nkɔ. Na bosome a ɛtɔ so nnum no, da a ɛdi kan no, ɔbaa Yerusalem, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn ayamyɛ nsa no wɔ ne so.

10Na Esra asiesie n’akoma sɛ ɔbɛhwehwɛ AWURADE mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Israel.

11Na nwoma a Ɔhene Artasasta de maa Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ a ɔtwerɛɛ AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde hyehyɛɛ Israel no mu nsɛm no, ne nsususoɔ nie:

12Hes 26.7 Artasasta, ahene mu hene no de kɔma Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ a ɔdi mu, ne ade.

13Me na mahyɛ mmara sɛ, m’ahennie mu nnipa biara a ɔfiri Israel man mu, ne n’asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu, a wɔyi wɔn yam sɛ wɔbɛkɔ Yerusalem no, wɔne wo nkɔ.

14Ɛfiri sɛ wɔasoma wo ɔhene ne n’agyinatufoɔ nson no anim, sɛ kɔ na kɔhwehwɛ Yuda ne Yerusalem mu sɛdeɛ wo Nyankopɔn mmara a ɛwɔ wo nsam no teɛ.

15Na fa dwetɛ ne sika a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ayi wɔn yam de akyɛ Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no,

16ne dwetɛ ne sika a wobɛnya no Babel asase nyinaa soɔ no nyinaa, ne ayamyi adeɛ a ɔman ne asɔfoɔ no yi wɔn yam de ma wɔn Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no.

17Yei nyinaa nti bɔ mmɔden fa sika no tɔ anantwie, adwennini, nnwammaa ne wɔn ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, na fa kɔbɔ afɔdeɛ, afɔrebukyia a ɛwɔ mo Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no so.

18Na adeɛ biara a wo ne wo nuanom pɛ sɛ mode dwetɛ ne sika no nkaeɛ no bɛyɛ no, monyɛ no sɛdeɛ mo Nyankopɔn no pɛ.

19Nso nnoɔma a wɔde ahyɛ wo nsa ama wo Nyankopɔn fie som no, yi no Yerusalem Nyankopɔn no anim.

20Na deɛ aka a ɛhia sɛ wohwere no Nyankopɔn fie no ho no, yi firi ɔhene adekora fie ma.

21Na me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ sikakorafoɔ a wɔwɔ asuogya no nyinaa sɛ adeɛ a Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ no, bɛbisa mo no nyinaa wɔmmɔ mmɔden nyɛ,

22ɛnkɔsi dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo bɔtɔ ɔha ne nsa galɔn ahanum ne aduonum ne ngo galɔn ahanum ne aduonum ne nkyene a wɔnntumi nkan.

23Adeɛ biara a ɔsoro Nyankopɔn hyɛ no nyinaa, ma wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ mma ɔsoro Nyankopɔn fie no, na n’abufuo ansɔre antia ɔhene ne ne mma ahennie no.

24Na yɛrema moahunu sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa ne asomfo a wɔwɔ Nyankopɔn fie no nyinaa, obiara nni ho kwan sɛ ɔgye wɔn toɔ, amanneɛ anaa akwanneɛ.

25Na wo, Esra, sɛdeɛ wo Nyankopɔn nyansa a ɛwɔ wo tirim no teɛ no, hyehyɛ atemmufoɔ ne asɛnnifoɔ, na wɔnni ɔman a wɔwɔ asuogya no nyinaa nsɛm, wɔn a wɔnim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa. Na wɔn a wɔnnim nso, momma wɔnhunu.

26Na obiara a ɔrenni wo Nyankopɔn no mmara ne ɔhene mmara soɔ no, ɛdi okum oo, asutware oo, afideɛ fa oo, anaa duamda oo, wɔmmɔ mmɔden mmu no ɛho atɛn.

27Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene akoma mu, sɛ ɔde rebɛhyehyɛ AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no,

28Esra 7.6 na wakom adɔeɛ aba me soɔ wɔ ɔhene ne n’agyinatufoɔ ne ɔhene mmapɔmma atumfoɔ nyinaa anim. Na me nso menyaa ahoɔden, ɛfiri sɛ AWURADE me Nyankopɔn nsa wɔ me so, na meboaa Israel mu atitire ano mehyiaa sɛ wɔne me mforo nkɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help