2 Ahemfo 12 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yehoas di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 24.1-16)

1 2 Be 24 Yehu afe a ɛtɔ so nson so na Yehoas bɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduanan wɔ Yerusalem. Na ne na din de Sibia a ɔfiri Beer-seba.

2Na Yehoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada na ɔkyerɛkyerɛɛ no.

3Nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi; na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.

4 2 Ah 14.4; 1 Ah 22.43 Na Yehoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Akronkronneɛ sika a wɔde ba AWURADE fie nyinaa ne obiara kra tiri sika sɛ wɔbɔ no boɔ no, ne sika biara nso a ɛba obi akoma mu sɛ ɔde bɛba AWURADE fie no,

5asɔfoɔ no nnyegye no wɔn amannifoɔ nkyɛn, na wɔmfa nsiesiee efie no baabi a ayɛ agoɔ no ne baabiara a wɔbɛhunu sɛ agoɔ bi wɔ hɔ.

6Na Ɔhene Yehoas afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa soɔ no, na asɔfoɔ no nnya nsiesiee efie no mu adango no.

7Ɛnna Ɔhene Yehoas frɛɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada ne asɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na monsiesiee efie no mu adango no? Afei monnnyegye sika amannifoɔ nkyɛn bio, na monyi mma na wɔmfa nyɛ efie no adango no.

8Na asɔfoɔ no penee sɛ wɔrennye ɔman no hɔ sika, na wɔrenyɛ efie no mu adango no bio.

9Ɛnna Ɔsɔfoɔ Yehoiada faa adaka bi, na ɔtuu ne mmuasoɔ mu tokuro, na ɔde sii afɔrebukyia ho, deɛ wɔfa ba AWURADE fie no nifa; na asɔfoɔ a wɔhwɛ ɛpono no ano no de sika a wɔde ba AWURADE fie no nyinaa guu mu.

10Na sɛ wɔhunu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene atwerɛfoɔ ne ɔsɔfoɔ panin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wɔhu no AWURADE fie no.

11Na wɔde sika a wɔakarie no hyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ adwuma no a wɔde wɔn sisii AWURADE fie so ahwɛfoɔ no nsa, na wɔyi maa nnua adwumfoɔ ne adansifoɔ a wɔyɛ AWURADE fie no,

12ne abantofoɔ, ne abotwafoɔ, ne sɛ wɔde bɛtɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa, sɛ wɔde bɛpempam AWURADE fie adango no, ne sɛ wɔde bɛtua efie no adango no bɛsiesie ho adeɛ a wɔhwereɛ nyinaa ka.

13Nanso wɔamfa sika a wɔde ba AWURADE fie no mu bi anyɛ AWURADE fie dwetɛ nyowaa, adumgya, nkoraa, ntotorobɛnto anaa sika ne dwetɛ adeɛ biara.

14Na wɔde maa wɔn a wɔyɛ adwuma no, na wɔde siesie AWURADE fie no.

152 Ah 22.7 Nanso wɔne nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfoɔ no ammu nkonta, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ no nokorɛ mu.

16Asodie afɔdeɛ sika ne bɔne ho afɔdeɛ sika deɛ, wɔamfa amma AWURADE fie; ɛyɛ asɔfoɔ no dea.

Hasael tu Yerusalem so sa

17 2 Ah 10.32 Ɛberɛ no mu na Siriahene Hasael foro bɛnee Gat koeɛ, na ɔfae; na Hasael de n’ani kyerɛɛ sɛ ɔreforo aba Yerusalem.

181 Ah 15.18 Ɛnna Yudahene Yehoas faa akronkronneɛ nyinaa a n’agyanom Yuda ahemfo Yehosafat, Yehoram ne Ahasia yɛɛ no kronkron no ne n’akronkronneɛ ne sika a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu nyinaa, na ɔsoma maa wɔde kɔmaa Siriahene Hasael; ɛnna ɔfirii Yerusalem ho kɔeɛ.

19Na Yehoas ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.

202 Ah 14.5 Na ne nkoa sɔre pam ne tiri so, na wɔkumm Yehoas wɔ Milo dan a ɛwɔ kwan a ɛde rekɔ Sila no mu.

212 Ah 14.1 Na ne nkoa Simeat ba Yosakar ne Somer ba Yehosabad bɔɔ no na ɔwui; na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu; na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help