1Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama no ada mpan,
na wadane ani abutu, na wabɔ ɛsofoɔ apete,
2na ayɛ ɔman no sɛ ɔsɔfoɔ,
akoa sɛ ne wura,
afenaa sɛ n’awuraa,
ɔtɔfoɔ sɛ ɔtɔnfoɔ,
ɔdefirini sɛ ɔdefɛmni,
ɔkafoɔ sɛ ɔkafoni.
3Wɔbɛsɛe asase pasapasa,
na wɔafom no pasaa afa,
ɛfiri sɛ AWURADE na waka asɛm yi.
4Asase aboto na akusa,
wiase anyam na akusa,
ɔsoro ne asase bom boto.
5Asase ho akum
wɔ ɛsotefoɔ ase,
ɛfiri sɛ wɔatiatia mmara no so,
wɔasakyera ahyɛdeɛ no
na wɔato daa apam no.
6Enti na nnome amene asase,
na ɛsotefoɔ di fɔ;
enti na asase sofoɔ ahyeɛ,
na aka so adasamma ketewaa bie.
7 Yoel 1.12 Nsamono twa adwo,
bobe ayɛ mmerɛ;
wɔn a wɔn akoma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini;
8 Yer 7.34; 16.9 mpintin ho ahurisidie agyae,
ahosɛpɛfoɔ hooyɛ to atwa,
sankuo ho ahurisidie agyae;
9wɔmfa dwontoɔ nnom nsa bio,
nsa denden yɛ ne nomfoɔ nwono.
10Wɔaburi sakasaka kuro no,
wɔatoto afie nyinaa mu mma obi nkɔ mu.
11Wɔsu bobesa ho kɔm mmorɔno so,
anigyeɛ nyinaa agu,
asase so ahurisidie atu kɔ.
12Deɛ aka kuro mu ne ɔsɛeɛ,
wɔabubu kuro apono pasaa.
13 Yes 17.6 Na saa na ɛbɛba asase no soɔ,
aman no mu,
sɛ ngodua poreɛ,
sɛ bobe abateɛ akyiri mpɛpɛdie.
14Wɔn deɛ, wɔbɛma wɔn nne so ato anigyeɛ dwom.
AWURADE kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛ bɛteam afiri po fam.
15Enti monhyɛ AWURADE animuonyam apueeɛ,
po mu nsupɔ mu nso monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.
16Yɛte ayeyie nnwom a ɛfiri asase ano sɛ:
Animuonyam nka Ɔteneneeni no.
Na mese: Meresa,
meresa, mennue!
Fatwafoɔ retɔn me; tɔn ara na fatwafoɔ tɔn me.
17Ehu ne eku ne kantankoraa
da wo a wote asase soɔ no so;
18 Yer 48.43-44; Amos 5.19 na deɛ ɔdwane firi ehu nkateɛ ho no
bɛtɔ eku mu,
na deɛ ɔforo firi eku no mu no,
wɔde fidie bɛyi no.
Na wɔhinihini soro mpomma,
na asase nnyinasoɔ wosowoso.
19 2 Pe 3.10 Dwirie na asase dwirie,
paeɛ na asase paeɛ,
popoɔ na asase popoɔ.
20 Yes 19.14 Asase tɔ ntintan sɛ nsaboni,
na ɛhinhim sɛ asesewa bi,
na ne mmarato ayɛ ne so duru,
na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
21 Adi 19.18-21 Ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛtwe
soro dɔm aso wɔ ɔsoro,
ne fam ahemfo wɔ ɛfam.
22Wɔbɛboaboa wɔn ano
sɛdeɛ wɔboaboa nneduafoɔ ano hyɛ amena mu,
na wɔato wɔn mu, nneduadan mu,
na nna bebree akyi no, wɔatwe wɔn aso.
23 Yes 60.19-20; Adi 21.23 Na ɔsrane ani bɛwu,
na owia anim bɛgu ase,
ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene
wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem,
na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
