1AWURADE nsa baa me so, na ɔde me firii adi wɔ AWURADE honhom mu, na ɔde me kɔsii bonhwakɛseɛ a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu.
2Na ɔma me faa so kyini hyiae, na hwɛ, na ɛdɔɔso pa ara wɔ bonhwa no ani, na hwɛ, ɛho akokwa sɛ.
3Na ɔbisaa me sɛ: Onipa ba, nnompe yi bɛnya nkwa anaa? Na mese: AWURADE Nyankopɔn, wo na wonim.
4Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nnompe yi ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nnompe a mo ho akokwa, montie AWURADE.
5Dwom 104.30 Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ nnompe yi nie: Hwɛ, mɛma ahome aba mo mu, na moanya nkwa.
6Yes 26.19 Na mede ntini bɛsosɔ mo mu, na mede nam agu mo so, na mede wedeɛ akata mo ho, na mede ahome ahyɛ mo mu, na moanya nkwa, na moahunu sɛ mene AWURADE.
7 Hes 37.10 Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no; na mehyɛɛ nkɔm no, ɛnne bi bae, na hwɛ, awosoɔ bi nie, na nnompe no hyiahyiae, dompe bɛkaa ne dompe ho.
8Na mehwɛe, na hwɛ, ntini baa so, na ɛnam baa ho, na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahome biara nni mu.
9Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ aframa no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ahome e, firi mframa nnan no mu bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wɔnnya nkwa.
10Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no; na ahome no baa wɔn mu, na wɔnyinyaa nkwa, na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, dɔm kɛseɛ pa ara.
11Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fie no nyinaa. Hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwa, na yɛn anidasoɔ ayera; wɔatwa yɛn korakora!
12Enti hyɛ nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebuebue mo adamena ano na mayi mo, me man, afiri mo adamena mu, na mede mo akɔ Israel asase so,
13na moahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mebuebue mo adamena ano, me man, na mema mo firi adamena no mu ba a.
14Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na moanya nkwa, na mede mo adua mo asase so, na moahunu sɛ me, AWURADE, na maka na mayɛ, AWURADE asɛm nie.
Israel baakoyɛ foforɔ15Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
16Hes 4.1 Na wo, onipa ba, fa dua baako na twerɛ so sɛ: Yuda ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no deɛ; na fa dua baako nso, na twerɛ so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa dua.
17Na ka ne mmienu bɔ mu yɛ no dua koro, na ɛnyɛ baako wɔ wo nsam.
18Na sɛ wo man mma bisa wo sɛ: Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yeinom reyɛ anaa?
19Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merefa Yosef dua (a ɛwɔ Efraim nsam) no ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no, mede wɔn aka Yuda dua no ho, na mayɛ wɔn dua koro, na wɔayɛ baako, me nsam.
20Na nnua a woatwerɛtwerɛ soɔ no ntena wo nsam, wɔn anim.
21Hes 36.24 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afiri amanaman a wɔakɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn akɔ wɔn asase so,
22Yes 11.12-13; Hos 1.11; Yer 3.18 na mayɛ wɔn ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔ no so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahennie mmienu bio,
23Hes 36.28 na wɔremfa wɔn abosonhuhuo ne wɔn atantanneɛ ne wɔn mmaratodeɛ nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na mate wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.
24 Hes 34.23; 36.27 Na m’akoa Dawid bɛdi wɔn so hene, na odwanhwɛfoɔ koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanante m’atemmudeɛ mu, na wɔahwɛ m’ahyɛdeɛ ayɛ,
25na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa soɔ no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akɔsi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn akɔsi daa.
26Hes 34.25; Yes 54.10 Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na wɔatim na mama wɔakyene, na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu akɔsi daa.
27Na me tenabea bɛsi wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman,
28Hes 36.36 na amanaman no ahunu sɛ mene AWURADE a mete Israel ho, berɛ a me kronkronbea si wɔn mu kɔsi daa no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.