2 Berɛsosɛm 15 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Odiyifoɔ Asaria kɔkɔbɔ

1Na Nyankopɔn honhom baa Oded ba Asaria so,

2na ɔfiri adi kɔhyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa, montie me. AWURADE ne mo te, sɛdeɛ mo ne no teɛ yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔbɛgya mo.

3Hos 3.4 Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wɔnni nokorɛ Nyankopɔn na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔkyerɛkyerɛ, na wɔnni mmara.

4Yer 29.13-14 Na wɔn ahohiahia mu no, wɔsane baa AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ no no, ɔmaa wɔhunuu no.

5Na ɛberɛ no mu no na asomdwoeɛ nni hɔ mma deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, na sakasaka bebree baa nsase no sotefoɔ nyinaa so.

6Luk 21.10 Na wɔbobɔɔ wɔn ho, ɔman ne ɔman ne kuro ne kuro, na Onyankopɔn maa wɔn ani tanee ahohiahia nyinaa mu.

71 Ko 15.58 Na mo deɛ, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngo, na wɔbɛtua mo adwuma so ka.

Nyankopɔn apam no ntimu

8Na Asa tee nsɛm yi ne Odiyifoɔ Oded adiyie no, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔyii atantanneɛ no firii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so, ne nkuro a ɔgyee no Efraim bepɔ soɔ no mu, na ɔyɛɛ AWURADE afɔrebukyia a ɛwɔ AWURADE ntwonoowa no anim no foforɔ.

9Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase ne Simeon, ba bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wɔhunuu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyire nti, nnipa pii wae firii Israel baa ne fam.

10Na wɔboaa wɔn ano wɔ Yerusalem bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Asa ahennie afe a ɛtɔ so dunum so.

11Na wɔde asadeɛ a wɔde baeɛ no bi bɔɔ AWURADE afɔdeɛ da no, anantwie ahanson ne nnwan mpemnson,

12Yos 24.25 na wɔne AWURADE yɛɛ apam sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no,

13na obiara a ɔrenhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no, akumaa oo, ɔkɛseɛ oo, ɔbarima oo, ɔbaa oo, wɔnku no.

14Na wɔde nne kɛseɛ ne osebɔ ne ntotorobɛnto ne mmɛn suae kyerɛɛ AWURADE.

152 Be 14.7; 20.30 Na Yuda nyinaa ani gyee nsuaeɛ no ho, ɛfiri sɛ wɔn akoma nyinaa na wɔde suaeeɛ; na wɔn pɛ nyinaa so na wɔhwehwɛɛ no; na ɔmaa wɔhunuu no, na AWURADE maa wɔn ɔhome afa nyinaa hyiae.

16 1 Ah 15.13-15 Na Maaka a ɔyɛ Ɔhene Asa ne na nso, ɔtuu no firii ɔhemmaadie so, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni maa Asera. Na Asa twaa ne honi no, bubuu no gɔsɔgɔsɔ, kɔhyee no Kidron subonhwa mu.

17Na sorɔnsorɔmmea no deɛ, wɔanyi amfiri Israel. Nanso Asa akoma dii mu ne nna nyinaa mu.

18Na ɔde n’agya akronkronneɛ ne ɔno ara n’akronkronneɛ baa Nyankopɔn fie: Dwetɛ, sika ne nnwinneɛ.

19Na akodie biara amma de kɔsii Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nnum so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help