Nnwom 46 - Twer? Kronkron(ASWDC)

“Yɛn Nyankopɔn ne abankɛseɛ”Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Wɔnto no “Alamot” sankuo nne so.

1Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden,

ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.

2Enti sɛ asase ani dane butu,

na mmepɔ tutu gu po bunu mu,

3na emu nsuo woro na ɛhuru

na n’asorɔkyeɛ ma mmepɔ woso mpo a, yɛrensuro.

4 Dwom 48.1; 2 Ah 19.21; Yes 12.3 Asuo bi, ne mmɔmu ma Nyankopɔn kuro ani gye,

ɔsorosoroni tenabea kronkron no.

5Onyankopɔn te mfimfini, ɛnwoso,

Onyankopɔn boa no anɔpahema.

6Amanaman yɛ hoo, ahennie wosowoso,

ɔma ne nne so ma asase nane.

7Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ,

Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.

8 2 Ah 19.35 Mommra mmɛhwɛ AWURADE nnwuma,

ɔsɛeɛ ko a wama no aba asase soɔ.

9 Dwom 76.3 Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano,

ɔbubu tadua mu na ɔtwitwa pea mu asinasini,

ɔde ogya hye nteaseɛnam.

10Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn.

Wɔmma me so amanaman mu,

wɔmma me so asase so.

11Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ,

Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help