Ɔsɛnkafoɔ 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Gu w’aba ntɛm

1 Mmb 19.17 To wo paanoo gu nsuo ani,

na daakye bi wo nsa bɛka.

2Kyɛ mu ma nnipa baason anaasɛ baawɔtwe mpo,

na wonnim bɔne ko a ɛbɛba asase soɔ.

3Sɛ osuo yɛ mununkum ma a,

ɛtɔ gu asase so;

na sɛ dua kɔhwe anafoɔ fam anaa atifi fam a,

faako a dua no hweɛ no, ɛhɔ na ɛbɛda.

4Deɛ ɔhwɛ mframa no rengu aba,

na deɛ ɔhwɛ mununkum no rentwa.

5 Yoh 3.8; Skf 8.17 Sɛdeɛ wonnim mframa kwan ne sɛdeɛ nnompe nyini onyinsɛnfoɔ yam no, saa ara na wonnim Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛɛ.

6Gu w’aba anɔpa, na anwummerɛ nso nyi wo nsa mfiri ho; na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, yei anaa yei, anaasɛ ne mmienu nyinaa bɛbom ayɛ yie.

7Nso hann yɛ dɛ, na ɛyɛ aniwa fɛ sɛ ɛhunu owia.

8Na sɛ onipa di mfeɛ pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu, na ɔnkae esum nna no, sɛ ɛbɛdɔɔso; deɛ ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhudeɛ.

Mmeranteberɛ mu anigyeɛ

9 Skf 8.15 Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.

10Na yi awerɛhoɔ firi w’akoma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmɔfraase ne mmeranteberɛ yɛ ahuhudeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help