Esra NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUEsra Nwoma no yɛ Berɛsosɛm Nwoma no ntoasoɔ a ɛka Yudafoɔ nnommum no mu binom a wɔfirii Babel sane baeɛ no ho asɛm. Ɛka Yerusalem asetena ne ɔsom a wɔsane hyɛɛ aseɛ foforɔ no ho asɛm nso. Sɛdeɛ wɔahyehyɛ nsɛm a ɛsisii ɛberɛ no mu nnidisoɔ nnidisoɔ nie: (1) Persiahene Kores hyɛɛ sɛ Yudafoɔ nnommum a wɔdi kan no nsane mfiri Babel nkɔ wɔn asase so. (2) Wɔsii asɔredan no foforɔ, na wɔdwiraa ho, na wɔfirii aseɛ somm Onyankopɔn wɔ Yerusalem bio. (3) Mfeɛ bi akyi no, Yudafoɔ bi nso sane baa Yerusalem. Na Esra a na wawedare wɔ Onyankopɔn mmara mu no di wɔn anim. Ɔboaa nkurɔfoɔ no maa wɔtotoo wɔn nyamesom ne wɔn asetena yie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ Israel sunsum mu agyapadeɛ no ho ban.EMU NSƐMWɔn a wɔdi kan firi nnommum mu baeɛ 1.1—2.70Wɔsi Asɔredan no, na wɔdwira ho 3.1—6.22Esra ne nnommumfoɔ foforɔ sane ba 7.1—10.44
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help