Nnwom 10 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Atɛn tenenee ho mpaebɔ

1 Dwom 44.24 AWURADE, adɛn nti na wogyina akyirikyiri,

na wode wo ho hunta ahokyere berɛ mu?

2Ɔbɔnefoɔ ahantan nti ɛmma mmɔborɔni ho hyehye no,

wɔde wɔn atirimpɔ a wɔabɔ no kye wɔn.

3Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho,

na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.

4Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho.

Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.

5 Amos 6.3 N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa.

W’atemmudeɛ asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri,

ɔmfa n’ahohiahiafoɔ nyinaa nyɛ ahuro.

6 Dwom 73.4-8 Ɔse no n’akomam sɛ: Merenhinhim da,

daa nyinaa merenhyia amaneɛ biara.

7 Rom 3.14 Nnome, nkontomposɛm ne amimdie ahyɛ n’anomu ma,

na ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkyerɛma ase.

8Ɔtetɛ nsumaeɛ mu,

ɔdi deɛ ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam,

ɔwɔ awiɛmfoɔ ho ani.

9 Dwom 17.12 Ɔtɛ kokoam sɛ gyata wɔ ne bɔn mu,

ɔtɛ sɛ ne nsa bɛka mmɔborɔni

ne nsa ka mmɔborɔni no twe no ba n’afidie mu.

10Ɔkoto, ɔdɛɛdɛɛ,

na awiɛmfoɔ akɔka ne nsa.

11 Dwom 94.7 Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi,

ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.

12Ao, AWURADE sɔre, ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so.

Mma wo werɛ mmfiri amanehunufoɔ.

13Adɛn nti na ɔbɔnefoɔ yi Onyankopɔn ahi

ka no n’akomam sɛ: Worentwe m’aso?

14 Dwom 68.5; Eks 22.22 Wohunu, ɛfiri sɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ,

sɛ wode bɛsie wo nsam.

Wo nsa na ɔbrɛfoɔ de hyɛ,

awisiaa boafoɔ ne wo ara.

15 Dwom 37.10; 36 Bubu abɔnefoɔ basa,

na di obusuyɛfoɔ bɔne akyi kɔsi sɛ worenhunu bio.

16 Dwom 99.1 AWURADE ne hene daa daa,

amanaman ayera afiri n’asase so.

17AWURADE, wobɛtie deɛ ahobrɛasefoɔ pɛ,

woahyɛ wɔn akoma den, woama w’aso aba so

18sɛ wobɛdi awisiaa ne deɛ wɔhyɛ no soɔ no asɛm,

na ɔdasani a ɔfiri asase mu no anhunahuna bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help