Asomafoɔ 27 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Paulo si mu kɔ Roma

1 atwa mu dada ma akwantuo no ayɛ hu nti, Paulo tuu wɔn fo

10see wɔn sɛ: Mmarima, mehunu sɛ akwantuo yi rekɔyɛ sɛ deɛ amaneɛ ne adesɛeɛ bebree bɛba mu, ɛnyɛ adwadeɛ ne suhyɛn yi fam nko ara, na yɛn nkwa nso ka ho bi.

11Nanso asraafoɔ ɔha so panin no gyee suhyɛn kwankyerɛfoɔ ne suhyɛn wura no diiɛ kyɛnee deɛ Paulo kaeɛ no.

12Na ɛsiane sɛ suhyɛn gyinaberɛ hɔ nna hɔ yie, sɛ wɔbɛdi awɔ berɛ wɔ hɔ nti, wɔn mu bebree kaa sɛ wɔbɛtu afiri hɔ nso akɔhwɛ sɛ wɔbɛtumi akɔduru Foinike a ɛyɛ Kreta suhyɛn gyinaberɛ a ɛda kɔ atifi ne atɔeɛ ntam, ɛne anafoɔ ne atɔeɛ ntam, na wɔakɔdi awɔ berɛ no wɔ hɔ.

Ahum tu wɔ ɛpo no so

13Na anafoɔ mframa firii aseɛ bɔeɛ no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka deɛ wɔde sii wɔn anim no, na wɔtuu sɛkyɛ no nam ano ano a wɔbɛnee Kreta.

14Na ankyɛ, na mframa kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Atifi-Apueeɛ-Mframa faa Kreta so bɛbɔeɛ;

15na ɛkyeree hyɛn no, na ɛntumi nhyia mframa no, yɛmaa no twee yɛn.

16Na yɛde mmirika kɔfaa supɔ ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda aseɛ no, yɛbɔɔ mmɔden ansa na yɛresosɔ kodoɔ no mu.

17Na wɔmaa soɔ no, wɔboa maa wɔkyekyeree hyɛn no; na wɔsuro sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔhwe Anweatam no so nti, wɔhwann hyɛndua no, na ɛtwee wɔn saa.

18Na mframa no bɔɔ dendeenden de yɛn kyinkyiniiɛ, na adeɛ kyeeɛ no, wɔtotoo hyɛn no mu nnoɔma bi gui.

19Na ne nnansa soɔ no, wɔde wɔn ara nsa totoo hyɛn no ho nnoɔma no twenee.

20Na nnafua bebree na owia anaa nsoromma mpueeɛ, nso na mframa a ɛrebɔ yɛn nyɛ adewa, enti yɛn nkwagyeɛ ho anidasoɔ nyinaa yerae.

21Na nna bebree twaa mu a wɔnnidie no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfimfini kaa sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka motie me, na yɛamfiri Kreta ammɛhunu amane ne adesɛeɛ yi.

22Na afei metu mo fo sɛ momma mo bo ntɔ mo yam, na mo mu biara renhwere ne nkwa, gye suhyɛn yi nko na ɛbɛsɛe.

23Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne dea na mesom no no bɔfoɔ bɛgyinaa me nkyɛn

24Aso 23.11 kaa sɛ: Paulo, nsuro! Ɛtwa sɛ wokɔgyina Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo.

25Enti, mmarima, momma mo bo ntɔ mo yam, na megye Onyankopɔn medi sɛ ɛbɛyɛ hɔ sɛdeɛ wɔaka akyerɛ me no;

26Aso 28.1 nanso ɛtwa sɛ yɛkɔgu supɔ bi soɔ.

27Na dadu nnanan duruiɛ na yɛredi akɔneaba Adria po soɔ no, ɛbɛyɛ dasuo mu na suhyɛn no mu adwumayɛfoɔ no hunuu sɛ wɔrebɛn asase bi.

28Na wɔtoo susuhoma, na wɔhunuu sɛ ɛsi abasam aduonu; na wɔkɔɔ wɔn anim kakra no, wɔtoo bio, na wɔhunuu no abasam dunum.

29Na wɔsuroo sɛ ebia yɛbɛkɔ akɔhwe abotan bi so nti, wɔtoo asɛkyɛ nnan firii hyɛn no to twɛnee adekyeeɛ.

30Na ɛsiane sɛ na suhyɛn mu adwumayɛfoɔ no rehwehwɛ adwane afiri suhyɛn no mu nti, wɔgyaa kodoɔ no mu too po mu, yɛɛ sɛdeɛ wɔrekɔto sɛkyɛ afiri hyɛn no tiri nso no,

31Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ ɔha so panin ne asraafoɔ no sɛ: Sɛ yeinom antena hyɛn yi mu deɛ a, morennya nkwa.

32Ɛnna asraafoɔ no twaa kodoɔ no ntampehoma no, na wɔmaa no kɔeɛ.

33 Aso 27.27 Na adeɛ rebɛkye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnnidi, na ɔkaa sɛ: Dadu nnanan ni a moatena hɔ adi mmuada a momfaa biribi nkaa mo ano.

34Mat 10.30 Enti mesrɛ mo sɛ monnidi, na ɛno nso bɛgye mo nkwa bi. Na mo mu biara nwi baako mpo rentu mfiri ne tiri so ntɔ.

35Yoh 6.11; 1 Ti 4.4 Na ɔkaa saa na ɔfaa paanoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na ɔbubu firii aseɛ diiɛ.

36Na wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, na wɔn nso faa bi diiɛ.

37(Na yɛn a yɛwɔ suhyɛn no mu nyinaa yɛ nnipa ahanu aduɔson nsia.)

38Na wɔdidi meeɛ no, wɔtoo aduane no guu po mu maa suhyɛn no mu yɛɛ hare.

Suhyɛn no bɔ

39Na adeɛ kyeeɛ no, na wɔnnim asase no. Na wɔhunuu dɔnnɔn bi a ne mpoano da fam; ɛno mu na wɔsusuu sɛ wɔbɛtumi a, wɔbɛtwe suhyɛn no akorɔ.

40Na wɔtwaa asɛkyɛ no ahoma mu gyaa mu guu po mu, na wɔsanee akyerɛkyerɛkwan no ahoma, na wɔsii hyɛn no anim abrannaa maa mframa a ɛbɔeɛ no pia kɔɔ mpoano.

41Na wɔkɔpemm nsuo mu anweatam bi no, wɔde suhyɛn no kɔtaee, na etire kɔtimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛtoɔ deɛ, asorɔkyeɛ a na ɛrebɔ denden no bubui.

42Na asraafoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum nneduafoɔ no, na obi annware annwane.

43Nanso asraafoɔ ɔha so panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nti, wamma wɔanyɛ deɛ wɔsusuiɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adwareɛ mfa wɔn ho ngu po mu kane nsi fam.

44Aso 27.22-25 Na wɔn a aka no deɛ, ebinom butubutuu ntaaboɔ so, na ebinom nso butubutuu suhyɛn nnua asinasini no bi so. Na sɛdeɛ ɛyɛeɛ na yɛn nyinaa nyaa nkwa sii fam ne no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help