1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Eks 27.20 Hyɛ Israelfoɔ ma wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasie ngo korɔgyenn na wɔmfa nsɔ kanea no, na kanea no nsi so daa;
3adanseɛ ntwamutam no akyi, ahyiaeɛ ntomadan no mu na Aaron nsiesie mfiri anwummerɛ nkɔsi anɔpa, AWURADE anim daa; ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.
4Sika amapa kaneadua a ɛho teɛ no so na ɔnsiesie nkanea no, AWURADE anim daa.
Kyerɛ paanoo5Na fa esiam to taterɛ dummienu; olonka abupɛn du mu mmienu nyɛ taterɛ baako.
6Eks 25.30 Na fa sesɛ so akyerɛpɛn mmienu, nsia nyɛ kyerɛpɛn baako, ɛpono a ɛho teɛ no so, AWURADE anim.
7Na fa ohwamfufuo korɔgyenn toto akyerɛpɛn no so, na ɛnyɛ paanoo no so nkaeɛ adeɛ, ogya afɔdeɛ a wɔsɔ ma AWURADE.
8Daa homeda na ɔnsiesie wɔ AWURADE anim daa, ɛyɛ Israelfoɔ fam daa apam;
9na ɛnyɛ Aaron ne ne mma deɛ, na wɔnni wɔ deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ so ma no, ɛyɛ daa kyɛfa.
Mmusuo ho asotwe10Na Israelni baa bi ba a n’agya yɛ Misraimni firii adi Israelfoɔ no mu, na Israelni baa no ba no ne Israelni bi hamee nsraban no mu.
11Lew 24.16 Na Israelni baa no ba no kaa edin no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose. Nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ɔfiri Dan abusuakuo mu;
12Num 15.34 na wɔbɔɔ no dua mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛnya AWURADE anomu asɛm aka akyerɛ wɔn.
13Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
14Fa deɛ wadome no firi adi kɔ nsraban no akyi, na wɔn a wɔteeɛ no nyinaa mfa wɔn nsa ngu n’atifi, na asafo no nyinaa nsi no aboɔ.
15Na kasa kyerɛ Israelfoɔ nso sɛ: Obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, ɔbɛsoa ne bɔne.
16Eks 20.7; Mat 26.65 Na deɛ ɔka AWURADE din ho abususɛm no, kum na wɔnku no: Sie na asafo no nyinaa nsi no aboɔ; ɔhɔhoɔ oo, kuromani oo, sɛ ɔka edin no ho abususɛm a, wɔnku no.
17 Eks 21.12 Na sɛ obi kum onipa biara a, kum na wɔnku no.
18Na deɛ ɔkum afieboa no, ɔnsi ananmu, ɔkra nsi ɔkra ananmu.
19Eks 21.23-25 Na deɛ ɔpira ne yɔnko nipa no, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no, wɔnyɛ no saa ara:
20Ebuo nsi ebuo ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu; sɛdeɛ ɔpiraa onipa no, saa ara na wɔnyɛ no.
21Na deɛ ɔkum afieboa no, ɔnsi ananmu, na deɛ ɔkum onipa no, wɔnku no.
22Lew 19.34; Eks 12.49 Atemmuo koro nna hɔ mma mo, ɔhɔhoɔ nyɛ sɛ okuromani. Na mene AWURADE mo Nyankopɔn.
23 Num 15.36 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ, na wɔde deɛ ɔdomeeɛ no firii adi kɔɔ nsraban no akyi kɔsii no aboɔ. Na Israelfoɔ yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.