1Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa.
21 Sa 21.10; 1 Ah 2.39 Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne mmarima ahansia a wɔka ne ho no twaa mu kɔɔ Gathene Maok ba Akis nkyɛn.
31 Sa 25.40-43 Na Dawid ne Akis tenaa Gat, ɔno ne ne mmarima no, obiara ne ne fiefoɔ, Dawid ne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no.
4Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Dawid adwane kɔ Gat; na wankɔ so anhwehwɛ no bio.
5Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim animuonyam a, ma wɔmma me tenabea bi wiram nkuro no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na adɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkuro mu?
6Yos 15.31; Ate 1.19 Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag danee Yuda ahemfo deɛ de bɛsi nnɛ yi.
7Na nna a Dawid de tenaa Filistifoɔ asase soɔ no yɛ afirinhyia ne abosome nnan.
8Na Dawid ne ne mmarima no kɔ kɔtuaa Gesurfoɔ ne Girsifoɔ ne Amalekfoɔ; na wɔn na na wɔtete asase no soɔ firi teteete de kɔduru Sur a ɛda kɔ Misraim asase soɔ no.
9Na Dawid bɔɔ asase no, na wannya ɔbarima anaa ɔbaa anikan, na ɔfaa nnwan ne anantwie ne mfunumu ne yoma ne ntadeɛ, na ɔsane baa Akis nkyɛn.
10Na Akis kaa sɛ: Ɛhefoɔ na ɛnnɛ mokɔfom wɔn faeɛ yi? Na Dawid se: Yɛkɔɔ Yuda Negeb ne Yerahmeelfoɔ anafoɔ fam ne Kenifoɔ anafoɔ fam.
11Na Dawid annya ɔbarima anaa ɔbaa bi anikan sɛ ɔde wɔn bɛba Gat, ɛfiri sɛ ɔse: Anyɛ a, wɔbɛka yɛn ho asɛm sɛ: Sɛɛ na Dawid ayɛ. Na nna a ɔde tenaa Filistifoɔ asase soɔ no nyinaa sɛ ɔyɛeɛ ara ne no.
12Gye 34.30; Eks 5.21 Na Akis gyee Dawid diiɛ kaa sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
