Yosua 14 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔnam ntontotwe so ma mmusuakuo nkron ne fa no agyapadeɛ

1 Num 34.17 Na yei ne Israel agyapadeɛ a wɔnyaa no Kanaan asase soɔ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu agyanom so atitire no kyekyɛ maa wɔn,

2Num 26.55 wɔn agyapadeɛ a ɛnam ntontotwe soɔ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔmma mmusuakuo nkron ne fa no.

3Yos 13.14-33 Na Mose ama mmusuakuo mmienu ne fa no agyapadeɛ wɔ Yordan agya, na Lewifoɔ deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ biara wɔ wɔn mu.

4Yos 21 Na Yosef mma yɛ mmusuakuo mmienu, Manase ne Efraim, na wɔamma Lewifoɔ no kyɛfa biara asase no so, gye nkuro a wɔbɛtena mu ne ɛho mmoa adidibea nsase ma wɔn mmoa ne wɔn nnoɔma.

5Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa na Israelfoɔ no yɛeɛ, na wɔkyɛɛ asase no mu.

Wɔde Hebron ma Kaleb

6 Num 14.24; Deut 1.36 Na Yudafoɔ no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenesini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wonim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea.

7Num 13.6, 30 Medii mfirinhyia aduanan na AWURADE akoa Mose somaa me firi Kades-barnea sɛ menkɔsra asase no, na mesane mede emu asɛm mebrɛɛ no, sɛdeɛ ɛwɔ m’akoma mu.

8Na me nuanom a wɔne me foro kɔeɛ no maa ɔman no akoma tui, na me deɛ, medii AWURADE me Nyankopɔn akyi mewiee.

9Na Mose kaa ntam da no ara sɛ: Asase a wo nan tiaa soɔ no bɛyɛ wo ne wo mma agyapadeɛ daa, ɛfiri sɛ woadi AWURADE me Nyankopɔn akyi awie.

10Na afei hwɛ, AWURADE ama matena ase sɛdeɛ ɔkaeɛ no, mfirinhyia aduanan nnum yi, ɛfiri berɛ a AWURADE kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose berɛ a na Israel nam serɛ soɔ no. Na afei, hwɛ, ɛnnɛ madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnum.

11Deut 34.7 Meda so mewɔ ahoɔden nnɛ yi ara, sɛ deɛ na meteɛ da a Mose somaa me no; sɛdeɛ m’ahoɔden teɛ da no, saa ara na ɛteɛ nnɛ ma ɔko ne adifire ne emuba.

12Yos 11.21 Na afei, fa bepɔ yi a AWURADE kaa ho asɛm da no no ma me, ɛfiri sɛ da no ara wotee sɛ Anakfoɔ ne nkuro akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo wɔ hɔ. Ebia AWURADE bɛdi m’akyi na matu wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

13 Yos 15.13-19; 21.11-12 Na Yosua hyiraa no, na ɔde Hebron maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapadeɛ.

14Ɛno nti na Hebron yɛɛ Kenesini Yefune ba Kaleb agyapadeɛ de bɛsi nnɛ da yi, ɛfiri sɛ ɔdii AWURADE Israel Nyankopɔn no akyi yie.

15Yos 11.23 Nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba. Arba yi ne Anakfoɔ mu nipa kɛseɛ koraa. Na asase no so dwo firii akodie mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help