1Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ bio wɔ mpoano; na nkurɔfokuo pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuo no nyinaa wɔ mpoano asase no so.
2Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii wɔ mmebuo mu, na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ no mu sɛ:
3Montie: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.
4Na ɛbaa sɛ ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn; na ewiem nnomaa ba bɛsosɔeɛ.
5Na ebi kɔguu aboɔ so, deɛ dɔteɛ pii nnie; na ntɛm ara na ɛfifiriiɛ, ɛfiri sɛ na dɔteɛ no mu nnɔ ntira;
6na owia firiiɛ no, ɛkusaeɛ, ɛsiane sɛ na ɛnni nhini nti, ɛwuiɛ.
7Na ebi kɔguu nkasɛɛ mu; na nkasɛɛ no nyiniiɛ, na ɛmiaa no, na anso aba.
8Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii kɔɔ so nyinii na ɛtrɛe na ɛsoe, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.
9Na ɔkaa sɛ: Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!
10Na ɛkaa ɔno nko no, wɔn a wɔwɔ ne ho ne dummienu no bisaa no ɛbɛ no ase.
11
12
na ɛteɛ nso wɔate, na wɔante aseɛ,
na da bi wɔansakyera, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.
13Na ɔsee wɔn sɛ: Monnim bɛ yi? Na ɛbɛyɛ dɛn na mobɛhunu mmɛ no nyinaa?
14 Ogufoɔ no gu asɛm no.
15Na yeinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wɔgu asɛm no, sɛ wɔnya te a, ntɛm ara Satan ba, na ɔbɛyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.
16Na yeinom nso ne wɔn a wɔgu wɔn aboɔ so no: Wɔn na wɔnya te asɛm no a, ntɛm ara wɔde anigyeɛ gye,
17na ɛnnye nhini wɔn mu, na wɔwɔ hɔ berɛ tiaa bi; na akyire yi no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn suntidua.
18Na yeinom ne wɔn a wɔgu wɔn nkasɛɛ mu no: Wɔne wɔn a wɔte asɛm no,
19Kanea adwuma(Luka 8.16-18)
21 Aba a ɛno ara fifire
26Na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ Nyankopɔn ahennie no teɛ nie: Ɛte sɛ onipa bi bɛgu aba wɔ fam,
27Sinapi aba ho bɛ(Mateo 13.31-32, 34; Luka 13.18-19)
30Na ɔkaa sɛ: Ɛdeɛn ho na yɛde Nyankopɔn ahennie no bɛtoɔ? Anaasɛ ɛbɛ bɛn na yɛbɛbu no ho?
31Ɛte sɛ sinapi aba fua a wɔdua no fam a ɛyɛ aba ahodoɔ a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa,
32na wɔdua a, ɛnyini na ɛyɛ kɛseɛ sene fan nyinaa, na ɛyiyi mman akɛseɛ, na ewiem nnomaa tumi tena ne nwunu ase.
33Na mmɛ a ɛtete sɛɛ pii na ɔde kaa asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔtumi te aseɛ.
34Na wankwati bɛ ankasa ankyerɛ wɔn; na ɛka wɔn nko ara a, ɔkyerɛ n’asuafoɔ no ne nyinaa ase.
Ahum no asebrɛ(Mateo 8.18; 8.23-27; Luka 8.22-25)35Na da no ara, ɛduruu anwummerɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.
36Na wɔgyaa nkurɔfokuo no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho kodoɔ no mu sɛdeɛ ɔteɛ no ara; na akodoɔ bi nso ka ne ho.
37Na ahum kɛseɛ bi tui, na asorɔkyeɛ bubu bɛguu kodoɔ no mu a na ɛreyɛ ayɛ ma.
38Na ɔno deɛ ɔwɔ kodoɔ no to, ada sumiiɛ so. Ɛnna wɔnyanee no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa?
39Na Yesu sɔre teateaa mframa no, na ɔsee ɛpo no sɛ: Mua w’ano; yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn koraa.
40Na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ ahufoɔ sɛɛ? Adɛn na monni gyidie?
41Na wɔsuroo yie, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.