2 Ahemfo NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUAhemfo Nwoma a ɛtɔ so mmienu no toa Israelfoɔ ahemman mmienu no ho abakɔsɛm a ɛfirii aseɛ wɔ Ahemfo Nwoma a ɛdi kan mu no so. Wɔkyɛ nwoma no mu mmienu: (1) Ɔfa a ɛdi kan no ka ahemman mmienu no ho abakɔsɛm a ɛfiri mfeɛ ahankron a ɛdi Kristo awoɔ anim no mfimfini de kɔsi Samaria asehweɛ no mu ne atifi ahemman no awieeɛ wɔ mfeɛ ahanson aduonu baako a ɛdi Kristo awoɔ anim no mu no ho asɛm. (2) Ɔfa a ɛtɔ so mmienu no ka Yuda ahemman no ho abakɔsɛm. Ɛfiri aseɛ wɔ Israel asehweɛ no de kɔsi berɛ a Babelhene Nebukadnessar kɔtuaa Yerusalem sɛee no wɔ mfeɛ ahanum aduɔwɔtwe nsia a ɛdi Kristo awoɔ anim no mu. Wɔde Gedalia a na ɔyɛ amrado wɔ berɛ a na Yerusalem hyɛ Babelfoɔ aseɛ no ne asɛm a ɛfa Ɔhene Yehoiakyin a ɔfiri Yuda no gyae a wɔgyae no firii afiase wɔ Babel no na ewie.Nokorɛ a Israel ne Yuda ahemfo ne wɔn manfoɔ annie nti na atoyerɛnkyɛm ahodoɔ yi totoo wɔn. Yerusalem sɛeɛ ne Yudafoɔ bebree a wɔfaa wɔn kɔɔ nnommum mu no yɛ asɛm kɛseɛ wɔ Israel abakɔsɛm mu.Odiyifoɔ a ɔdi akotene wɔ Ahemfo Nwoma a ɛtɔ so mmienu no mu ne Odiyifoɔ Elisa a ɔbɛdii Odiyifoɔ Elia adeɛ no.EMU NSƐMAhemman no mu kyɛɛ mmienu 1.1—17.411. Odiyifoɔ Elisa 1.1—8.152. Yuda ne Israel ahemfo 8.16—17.43. Samaria asehweɛ 17.5-41Yuda ahemman 18.1—24.201. Ɛfiri Hesekia berɛ so de kɔsi Yosia berɛ so 18.1—21.262. Yosia ahennie 22.1—23.303. Yuda ahemfo a wɔtwa toɔ 23.31—24.204. Yerusalem ase hweɛ 25.1-30
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help