Yeremia 46 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔdi Misraimfoɔ so nkonim

1AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn, amanaman ho nie:

2 Yes 19; Hes 29.1—32.32; 2 Be 35.20 Misraim deɛ: Misraimhene Farao Neko dɔm a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ano wɔ Karkemis a Babelhene Nebukadnessar kumm wɔn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no ho.

3Monsiesie nkataboɔ ne ɛkyɛm,

na montu sa.

4Momfa apɔnkɔ nsesa nteaseɛnam ho,

montenatena so, O apɔnkɔsotefoɔ,

monhyɛ dadeɛ kyɛ nnyinagyina hɔ,

mompɔ mpea ho,

na monhyehyɛ dadeɛ nkataboɔ.

5Ɛnam deɛn so na mehu wɔn

sɛdeɛ wɔn akoma atuo

na wɔadane wɔn akyire,

na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn aguo,

na dwane ara na wɔredwane

na wɔnhwɛ wɔn akyiri yi?

Ehu wɔ afa nyinaa,

AWURADE asɛm nie;

6ɔhoɔharefoɔ nnya adwaneyɛ,

na dɔmmarima mfiri mu mfi;

atifi fam, Asuo Eufrate no ho

na wɔasuntisunti na wɔahwehwe aseɛ.

7Hwan na ɔreba sɛ Nil,

na n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asukɛseɛ deɛ yi?

8Misraim atu reba sɛ Nil,

n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asuo akɛseɛ deɛ,

na ɛse: Mɛyiri makata asase so

masɛe nkuro ne emufoɔ no.

9Montenatena apɔnkɔ so,

na nteaseɛnam ntu yirididi

na nnɔmmarima no mfiri adi,

Etiopia ne Put, akyɛmkurafoɔ no

ne Lidiafoɔ a wɔkura tadua pono mu no.

10 Deut 32.42; Yes 34.5 Ɛda no yɛ asafo AWURADE Nyankopɔn deɛ,

aweretɔ da

a ɔbɛtɔ n’atamfo so were.

Na afena bɛdidi amee,

na wɔn mogya ama no abo,

na AWURADE, asafo AWURADE wɔ okum afɔdeɛ,

atifi fam asase so, Asuo Eufrate ho.

11 Yer 8.22 O ɔbaabunu, Misraim babaa,

foro kɔ Gilead kɔgye aduro;

kwa ara kwa na woma nnuro dɔɔso,

ayaresa biara nni hɔ mma wo.

12Amanaman ate wo ahohora,

na wo nteamu ayɛ asase ma tɔ,

na dɔmmarima abɔ dɔmmarima so

ma wɔn baanu abom ahwehwe ase.

Misraim amaneɛ

13Asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia, sɛ Babelhene Nebukadnessar bɛba abɛseɛ Misraim asase no.

14Monka no Misraim, na mompae mu nka no Migdol,

na mompae mu nka no Memfis ne Tapanes hɔ.

Monka sɛ: Gyina hɔ, na tim hɔ pintinn,

ɛfiri sɛ afena redidi atwa wo ho ahyia.

15Ɛnam deɛn so na wɔapra w’akunini korɔ yi?

Adɛn na wo nantwinini annyina,

na AWURADE apam no?

16Wama pii ahwehwe ase, baako atɔ da ne yɔnko so mpo;

ɛnna wɔse:

Sɔre ma yɛnsane nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn

ne yɛn awoɔ asase so

mfiri afena a ɛyɛ hu no anim.

17Wɔteam hɔ sɛ: Misraimhene Farao asɛe;

wama berɛ a ɛsɛ no atwam.

18Sɛ mete aseɛ yi, ɔhene a

asafo AWURADE ne ne din no asɛm nie,

sɛdeɛ Tabor si mmepɔ no ntam

na Karmel si ɛpo mu no, saa na ɔbɛba.

19Yɛ atukorɔ ho adeɛ fa,

O Misraim babaa a wote hɔ no,

na Memfi bɛdane amamfo,

na ahye a obiara rentena mu bio.

20Misraim yɛ nantwie bedeɛ a ne ho yɛ fɛ,

nanso ɔsɛeɛ firi atifi fam aba ne so.

21N’asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ ne mu no

te sɛ anantwie a wɔadɔre sradeɛ,

aane, wɔn nso wɔdane wɔn ho bɔ mu dwanedwane;

wɔnnyina,

ɛfiri sɛ wɔn sɛeɛ da adu,

wɔn asotwe berɛ aba wɔn so.

22Ne nne gyegye kɔ sɛ ɔwɔ a ɔtene,

na wɔde dɔm nam reba ne so,

na wɔde mmonnua reba ne so

sɛ nnuabufoɔ.

23Wɔbɛtwa ne kwaeɛ

AWURADE asɛm nie,

kwaeɛ a wɔnnya mu ahwehwɛeɛ,

ɛfiri sɛ wɔdɔɔso sene ntutummɛ,

na wɔn dodoɔ nni ano.

24Wɔama Misraim babaa ani awu,

wɔde no ahyɛ atifi fam man no nsa.

25 Yer 43.12 Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahemfo ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ no,

26na mede wɔn mahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn kra no nsa, ne Babelhene Nebukadnessar ne ne nkoa nsa; na ɛno akyi no, wɔbɛsane abɛtena ha sɛ tete nna no, AWURADE asɛm nie.

Wɔkyekyere Israel werɛ

27 Yer 30.10; Yes 44.2 Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,

na mma w’akoma nntu, O Israel.

Na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri

ne w’asefoɔ nso afiri wɔn nnommumfa asase no so,

na Yakob asane aba abɛhome atena ase dwoodwoo,

na obiara nni hɔ a ɔbɛyi no hu.

28 Yer 30.11 Wo, m’akoa Yakob, nsuro,

AWURADE asɛm nie,

na medi w’akyi,

na mɛma amanaman

a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie saa,

na wo deɛ, merenwie wo.

Na mɛtea wo sɛdeɛ ɛfata,

na bem deɛ, meremma wonni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help