1Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:
2Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ moduru asase a morekɔtena soɔ a me ara mede merema mo no so,
3Lew 7.16 na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a,
4Lew 6.14 ɛnneɛ deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE no, ɔmfa aduane afɔdeɛ nso mmra, esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre
5Num 28.27 ne ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako, na ɔmfa nka ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ dwan ba baako ho.
6Na odwennini deɛ, deɛ fa bɔ aduane afɔdeɛ ne esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako,
7na fa ahwiesa susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako nso bra, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE.
8Na sɛ nantwie ba na wode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ de ayɛ w’aboadeɛ, anaasɛ wode rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a,
9ɛnneɛ aduane afɔdeɛ a ɔmfa nka nantwie ba no ho ne esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo susutoa fa afɔre;
10na fa ahwiesa susutoa fa nso bra, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.
11Saa na wɔnyɛ nantwie biara anaa odwennini biara anaa nnwanten anaa mmirekyie mma mu biara.
12Sɛ afɔdeɛ a mobɛbɔ no dodoɔ no teɛ no, saa na monyɛ wɔn mu biara, sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ.
13Wɔn a wɔyɛ ɔman mma nyinaa nyɛ adeɛ yi sei mfa mmɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.
14Na sɛ ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi wɔ mo mu mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE a, sɛdeɛ moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.
15Eks 12.49 Ɔman asafo no, ahyɛdeɛ baako na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no; ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu: Sɛdeɛ moteɛ no, saa nso na ɔhɔhoɔ nyɛ AWURADE anim.
16Mmara korɔ ne atemmudeɛ korɔ na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu nyinaa.
17Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
18Ka kyerɛ Israelfoɔ no: Sɛ moduru asase a mede mo merekɔ soɔ no so,
19Eks 23.16, 19 na ɛba sɛ modi asase no so aduane no bi a, momma mmasoɔ adeɛ so mma AWURADE,
20Deut 26.1-2 momfa mo mmɔre a ɛdi kan bi taterɛ nyɛ mmasoɔ adeɛ; sɛdeɛ moyɛ ayuporebea mmasoɔ adeɛ no, saa ara na momma soɔ;
21momfa mo mmɔrekan no bi mma AWURADE sɛ mmasoɔ adeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
22 Lew 4.2, 13 Na sɛ mofom na moanni mmara nsɛm a AWURADE aka akyerɛ Mose yi nyinaa so,
23deɛ AWURADE nam Mose so ahyɛ mo nyinaa, firi da a AWURADE hyɛɛ mmara no de rekɔduru mo awoɔ ntoatoasoɔ so no,
24na sɛ wɔfom anifasoɔ mu a ɔman no nnim a, ɛnneɛ asafo no nyinaa mfa nantwinini baako mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne n’aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ, ne ɔpapo baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ.
25Na ɔsɔfoɔ no mpata mma Israelfoɔ asafo no nyinaa, na wɔde bɛkyɛ wɔn; ɛfiri sɛ ɛyɛ ɛfom; na wɔn deɛ, wɔn fom no nti wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ aba de rebɛbɔ AWURADE gya afɔdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ, AWURADE anim;
26na wɔde bɛkyɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no, ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa na wɔyɛ maa wɔn ɛfom no mu.
27 Lew 4.27-28 Na sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɛnneɛ ɔmfa abirekyibereɛ a wadi afe mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,
28na ɔsɔfoɔ no mpata, AWURADE anim, mma ɔkra a ɔfom anifasoɔ mu no, sɛ ɔrepata ama no; na wɔde bɛkyɛ no.
29Mmara korɔ na ɛnna hɔ mma mo mma deɛ ɔyɛ biribi anifasoɔ mu; deɛ ɔyɛ Israelfoɔ mu kuromani, ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu.
30 Aso 13.28; Heb 10.26-27 Na ɔkra a ɔde aniɛden boapa yɛ biribi, asase no soni oo, ɔhɔhoɔ oo, wasopa AWURADE, na wɔbɛtwa saa ɔnii ko no afiri ne man mu atwene,
31ɛfiri sɛ wabu AWURADE asɛm animtia na wabu ne mmara asɛm so: Twa na wɔbɛtwa saa onipa no atwene, n’amumuyɛ da ne so.
Wɔsi homedasɛefoɔ aboɔ32Na Israelfoɔ no wɔ ɛserɛ soɔ no, wɔkɔhunuu ɔbarima bi a ɔrepɛ nnyina homeda;
33na nnipa a wɔhunuu no sɛ ɔrepɛ nnyina no de no brɛɛ Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa;
34Lew 24.12; Eks 31.14; 35.2 na wɔbɔɔ no dua mu, ɛfiri sɛ na wɔnnya nkyerɛɛ deɛ wɔnyɛ no.
35Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kum na wɔnkum ɔbarima no, asafo no nyinaa nsi no aboɔ wɔ nsraban no akyi.
36Ɛnna asafo no nyinaa de no firii adi kɔɔ nsraban no akyi kɔsii no aboɔ maa no wuiɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.
Ntoma ano nnwo ho mmara37Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:
38Deut 22.12; Mat 23.5 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Wɔnyɛ wɔn ntoma ano nnwo wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na wɔmfa bibire homa nsosɔ ntoma ano nnwo no mu;
39na ɛnyɛ mo nnwo a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moankɔkyini anni mo akoma ne mo aniwa akyi, sɛdeɛ motaa gyae m’akyiridie kɔbɔ adwaman no.
40Deɛ ɛbɛyɛ na moakae me mmara nsɛm nyinaa ayɛ, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn.
41Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.