1Ninewe, deɛ ɔbɔ pete no reforo aba wo so.
Sra nsraban a emu yɛ den,
wɛn ɔkwan,
bɔ abɔsoɔ,
hyɛ w’ahoɔden mu den yie.
2(Na AWURADE de Yakob kɛseyɛ resane aba
sɛ Israel kɛseyɛ;
ɔno a afomfafoɔ afom no afa,
na wɔasɛe no bobe mman).
3Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere,
akofoɔ no firafira kɔbene,
nteaseɛnam no yɛ dadeɛ gya,
ɛda a ɔsiesie dɔm no,
na wɔwoso pea nnua;
4nteaseɛnam bɔ dam mmɔntene so,
ɛminiminam mprama so;
ɛho te sɛ tɛnee,
ɛnenam sɛ anyinam.
5Ɔfrɛfrɛ n’akofoɔ atitire,
wɔsuntisunti wɔn nanteɛ mu;
wɔde ahoɔherɛ kɔ ɔfasuo no so,
na wɔde osuhyɛ si hɔ,
6nanso wɔabue nsubɔntene no ano aponkɛseɛ no,
na ahodwirie aba ahemfie.
7Na wɔahyɛ no saa, wɔapa Ninewe ho, wɔafa no kɔ, na
ne mmaawa si apini
sɛdeɛ mmuruburo
pempem wɔn kokoɔ.
8Na Ninewe te sɛ ɔtadeɛ
firi ne tete nna mu; na wɔn de ɛ, wɔdwane.
Monnyina, monnyina!
Na obiara nnane n’ani.
9Momfom dwetɛ,
momfom sika!
Na ahonyadeɛ no nni awieeɛ,
nnwinneɛ afɛfɛ ahodoɔ nyinaa dodoɔ yɛ duru.
10 Yer 13.7-8 Hwɛ, Ninewe sɛdeɛ woada mpan, woayɛ hunu na woadane amamfo,
na w’akoma ahodwo na wo nankoroma hinhim,
w’asene mu nyinaa yɛ wo ya,
ne sɛdeɛ w’anim asiam fitaa.
11Ɛhe na gyata tenabea no wɔ
ne gyataburuwa adidibea a anka ɛwɔ hɔ no,
deɛ gyatanini ne gyatabereɛ
ne gyata ba nenam hɔ a obi nni hɔ a oyi wɔn hu no?
12Gyata tetee mu maa ne mma
na ɔmia maa n’abereɛ, na ɔde nteteeɛ hyɛɛ n’atu mu amaama,
na ɔde deɛ ɔtetee mu no
hyehyɛɛ ne tenabea.
13Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛma ne nteaseɛnam ahye wisie mu, na afena bɛdi w’agyataburuwa no; na mɛtwa wo fom adeɛ no afiri asase so, na wɔrente w’abɔfoɔ no nne bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
