1Afei Yuda tee edin a Romafoɔ agyeɛ, sɛ wɔn ho yɛ den papaapa na wɔkyerɛ esu pa kyerɛ wɔn a wɔne wɔn yɛ apam nyinaa, na wɔdi ayɔnkoyɛ ho nseɛ de kyerɛ wɔn a wɔba wɔn hɔ,
2sɛ wɔn ho yɛ den papaapa. Wate wɔn akodie ne wɔn mmaninyɛ a na wɔreyɛ wɔ Gaulfoɔ mu, sɛdeɛ na wɔadi wɔn so nkonim na wɔahyɛ wɔn sɛ wɔntua toɔ,
3ne deɛ wɔayɛ wɔ Spain asase so sɛ wɔbɛdi tumi wɔ sika ne dwetɛ a wɔtu no wɔ hɔ no so,
4ne sɛdeɛ wɔnam wɔn nhyehyɛɛ ne wɔn aboterɛ so anya tumi wɔ mantam hɔ nyinaa so, mpo wɔ sɛ beaeɛ hɔ ne wɔn ntam tweɛ. Bio nso, wɔdii ahemfo a wɔfiri asase ano baa wɔn soɔ no so, kɔsii sɛ wɔkaa wɔn hyɛeɛ na wɔde atoyerɛnkyɛm kɛseɛ baa wɔn soɔ, nkaeɛ no tuaa ɛtoɔ maa wɔn afe biara.
5Filipo ne Ɔhene Perseus a ɔyɛ hene wɔ Makedonia, ne afoforɔ a wɔsɔre tiaa wɔn no, wɔkaa wɔn hyɛe wɔ akono, na wɔdii wɔn so nkonim.
6Na wɔasan nso adi Antiokus a ɔyɛ Ɔkɛseɛ no, Asia hene a ɔde asono ɔha aduonu ne apɔnkɔsotefoɔ ne teaseɛnam, ne asraafoɔ a wɔdɔɔso pa ara kɔ ne wɔn koeɛ no so nkonim. Wɔkaa wɔn hyɛe;
7wɔkyeree no animono so na wɔhyɛɛ mmara sɛ ɔne wɔn a wɔbɛdi adeɛ wɔ n’akyi no bɛtua ɛtoɔ a ɛso, na wɔama nnommumfoɔ ne wɔn mantam atitire no bi,
8India, Media ne Lidia aman no. Yeinom na wɔgye firii ne hɔ a wɔde maa Ɔhene Eumenes.
9Helafoɔ no faa adwene sɛ wɔbɛba abɛsɛe wɔn,
10nanso yei daa adi maa wɔhunui, na wɔsomaa ɔsahene bi maa ɔkɔɔ Helafoɔ no so kɔkoe. Wɔn mu bebree pirapirae maa wɔwuwui, na Romafoɔ no faa wɔn yerenom ne wɔn mma nnommum; wɔfomm wɔn nnoɔma fae, wɔgyee asase no, wɔbubuu wɔn abandenden no, na wɔfaa wɔn yɛɛ nkoa de bɛsi nnɛ.
11Ahennie ne nsupɔ nkaeɛ no, dodoɔ a wɔsɔre tiaa wɔn no, wɔsɛe wɔn de wɔn yɛɛ nkoa;
12na mmom wɔn nnamfonom ne wɔn a wɔde wɔn ho too wɔn soɔ no deɛ, wɔn ne wɔn ka boom. Wɔbrɛɛ ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ ase, na wɔn mu dodoɔ no ara a wɔate wɔn nka no suroo wɔn.
13Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa na wɔsi ahene no, wɔsi ahene, na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtu wɔn adeɛ so no; na wɔama wɔn so kɛse.
14Nanso yeinom nyinaa mu no, wɔn mu biara nni hɔ a wahyɛ ahenkyɛ anaasɛ wahyɛ beredum ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ sɛ wɔyɛ ahantan,
15na mmom wɔasi mmarahyɛbadwa dan, na da biara mmarahyɛbadwafoɔ ahasa hyia dwennwene nnipa no ho, sɛdeɛ wɔbɛtumi adi wɔn so yie.
16Afe biara wɔyi onipa baako ma ɔdi wɔn so na wakora wɔn asase nyinaa so; wɔn nyinaa tie onipa baako no, na anibereɛ ne ninkunu biara nni wɔn mu.
Wɔn ne Roma yɛ apam17 2 Mak 4.11 Enti Yuda yii Eupolemus a ɔyɛ Yohane ba, a ɔno nso yɛ Akos ba, ne Eleasa ba Yason na ɔsomaa wɔn kɔɔ Roma sɛdeɛ wɔn ne wɔn bɛnya ayɔnkofa ne nkabom,
18na wɔagye wɔn ho afiri konnua no ase; ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ Hela ahennie no reyɛ Israelfoɔ nkoa koraa.
19Wɔkɔɔ Roma, ɔkwan a ɛware pa ara; na wɔkɔɔ mmarahyɛbadwa dan mu hɔ kɔkaa sɛ:
20Yuda, a wɔsan nso frɛ no Makabeus, ne ne nuanom ne Yudaman asoma yɛn aba mo nkyɛn sɛ yɛn ne mo mmɛnya ayɔnkofa ne nkabom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa yɛn ayɛ aboafoɔ ne ayɔnkofoɔ.
21Nsusuiɛ yi sɔɔ wɔn ani,
221 Mak 14.18 na yei ne anoyie krataa a wɔtwerɛeɛ wɔ kɔbere mfrafraeɛ apono so, na wɔsoma de kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkora no wɔn nkyɛn hɔ na ayɛ asomdwoeɛ ne nkabom ho nkaeɛ:
23Biribiara nkɔ so yie mma Romafoɔ ne Yudafoɔ man wɔ ɛpo ne asase so daa, na afena ne atamfoɔ ne wɔn ntam ntwe.
24Sɛ ɔko di kan ba Roma anaasɛ wɔn aboafoɔ no mu biara so wɔ wɔn ahemman mu baabiara a,
25Yudaman no bɛfiri wɔn akoma nyinaa mu ayɛ sɛ wɔn aboafoɔ no, sɛ ɛberɛ no bɛkyerɛ wɔn no.
26Na ɔtamfo a ɔde ɔko ba no, wɔremma wɔn aburoo, akodeɛ, sika anaasɛ nsuhyɛn, sɛdeɛ Roma abɔ ho pɔ no, na wɔbɛkɔ so ara ayɛ wɔn asɛdeɛ a nso wɔrenya akatua biara.
27Saa ara nso na sɛ ɔko ba Yudafoɔ so kane a, ntɛm ara Romafoɔ bɛyɛ sɛ wɔn aboafoɔ, sɛdeɛ ɛberɛ no bɛkyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ no.
28Na wɔn atamfoɔ no nso, wɔremma wɔn aburoo, akodeɛ, sika anaasɛ nsuhyɛn, te sɛ deɛ Roma abɔ ho pɔ no ara; na wɔbɛkɔ so ara ayɛ asɛdeɛ yeinom a nnaadaa biara nni mu.
29Enti saa nhyehyɛɛ yi so na Romafoɔ no ne Yudafoɔ no gyina yɛɛ apam.
30Akyire yi sɛ saa nhyehyɛɛ yi ba mu wie, na sɛ afanu no nyinaa pɛ sɛ wɔde bi ka ho anaasɛ wɔyi biribi firi mu a, wɔnnwene ho na wɔnyɛ, na deɛ wɔde bɛka ho anaasɛ wɔbɛyi afiri mu no bɛyɛ adeɛ a wɔbɛgye atom.
31Na ɛfa bɔne a Ɔhene Demetrius reyɛ wɔn no deɛ, yɛatwerɛ nsɛm yi akɔma no sɛ: Adɛn na woama wo konnua mu ayɛ duru ama yɛn nnamfonom ne yɛn aboafoɔ Yudafoɔ yi?
32Afei sɛ wɔbisa mmoa bio tia wo a, yɛne wo bɛko wɔ ɛpo ne asase so de atwitwa agye wɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.