Ester 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ester kɔ ɔhene anim

1Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmaa atadeɛ, na ɔkɔgyinaa ahemfie emu fam abannwa so, ɔhene dan no ntentensoɔ. Na ɔhene no te n’ahennwa so wɔ ahemfie, efie no pono ano ntentensoɔ.

2Est 4.11; 8.4 Na ɛbaa sɛ ɔhene no hunuu Ɔhemmaa Ester sɛ ɔgyina abannwa soɔ no, ɔnyaa n’anim animuonyam, na ɔhene no tenee sika ahempoma a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ Ester. Na Ester twe pinii, na ɔbɛkaa ahempoma no ti.

3Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ, Ɔhemmaa Ester? Na ɛdeɛn na worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔde bɛma wo.

4Est 1.19 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma ɔhene ne Haman mmra ɛpono a mereto ama ɔhene no ase nnɛ.

5Na ɔhene no kaa sɛ: Monyɛ ntɛm mma Haman mmra, na wɔnyɛ deɛ Ester aka no. Na ɔhene no ne Haman baa ɛpono a Ester atoɔ no ase.

6Est 9.12 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ester apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ na wɔmma wo? Na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Eduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.

7Na Ester buaa sɛ: Deɛ mesrɛ na merehwehwɛ ne sɛ,

8sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim, na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma adeɛ a meresrɛ na wɔyɛ deɛ merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɛpono a merebɛto wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛdeɛ ɔhene aka no.

Haman pɛ sɛ ɔkum Mordekai

9Ɛnna da no Haman de anigyeɛ ne akoma pa firii adie, na Haman hunuu Mordekai ɔhene ponkɛseɛ no mu sɛ wansɔre na wanka ne ho koraa n’anim no, ne bo fuu Mordekai sɛ.

10Nanso Haman sii ne ho so, na ɔsii mu kɔɔ ne fie. Na ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ n’adɔfoɔ ne ne yere Seres bae.

11Na Haman kaa wɔn n’ahonya animuonyam ne ne mma dodoɔ ne kɛseɛ a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛdeɛ wama no so asene mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,

12na Haman kaa sɛ: Nso Ɔhemmaa Ester amma obiara ne ɔhene amma ɛpono a ɔtoeɛ no ase gye me nko ara, na ɔkyena nso wɔahyia me ne ɔhene rekɔ ne nkyɛn.

13Nso yei nyinaa nnɔɔso mma me berɛ a mehunu Yudani Mordekai no sɛ ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu yi.

14Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛne Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ apontoɔ no ase anigyeɛ mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔmaa wɔyɛɛ dua no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help