1 na odum a ɔde sii atifi no, ɔtoo no din Boas.
22Na sukooko adwini wowɔ adum no atifi. Saa na ɔde wiee adum no ho adwuma no.
23 2 Be 4.2-5 Na ɔyɛɛ dwaresɛn no, wɔgui, ɛfiri ano kɔpem ano yɛ basafa nnum, ɛyɛ kurukuruwa, na basafa mmienu ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum homa twa ho hyia.
24Na nkukuduuduu wɔ ano no aseɛ twa ho hyia, basafa nnum nnum twa ho hyia, ɛbɔ ɛpo no ho kɔntɔnkrɔn, kukuduuduu kyerɛpɛn mmienu, na wɔguu no ne guo ara mu.
25Ɛtaa anantwie dummienu so: Mmiɛnsa hwɛ atifi fam, na mmiɛnsa hwɛ atɔeɛ, na mmiɛnsa hwɛ anafoɔ fam, na mmiɛnsa hwɛ apueeɛ; na ɛpo no taa wɔn so, na wɔn akyiri nyinaa wɔ emu fam.
26Na ne pipiripie yɛ nsayam trɛ; na wɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahane. Ɛdi galɔn ɔpedu.
27 2 Be 4.6, 10 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ nsugyeɛ nnaka du, adaka no baako ntwemu yɛ basafa mmienu, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu, na ne korɔn yɛ basafa baako ne fa.
28Na nnaka no yɛbea nie: Ɛwowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa na nhyehyɛmu no hyehyɛ n’adwa ntam;
29na agyata, anantwie ne kerubim wowɔ adwa no ntam nhyehyɛmu no so, na nnyinasoɔ bi wɔ adwa no so soro. Na agyata ne anantwie no ase no wɔyɛɛ nhahamma nkyekyereeɛ a ɛsensɛne hɔ.
30Na nnaka no wowɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan nnan nnan ne kɔbere mfrafraeɛ nhyɛmu dua, na ne nsisoɔ nan nnan no so wowɔ nsosɔmu nsa bi, wɔgui, dwaresɛn no ase, na nhahamma nkyekyereɛ wowɔ nkyɛn nkyɛn.
31Na dwaresɛn no ano wɔ adakatire hankra no mu fam a ɛho so kakra anammɔn baako ne fa, na hankra no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinasoɔ anammɔn mmienu ne fa, na wɔdii adwini ano ano; na ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa.
32Na ntwahonan nnan no wowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa no ase; na ntwahonan no nsa kurakura nnaka no mu, na ntwahonan no baako korɔn yɛ anammɔn mmienu ne fa;
33na ntwahonan no yɛbea te sɛ teaseɛnam deɛ, ɛho nsa ne ne hankra ne ne mpadeɛ ne ne berɛmo nyinaa nso, wɔgui.
34Na nsosɔmu nsa nnan wowɔ nnaka no ahinanan no ho, nnaka no mu ara na nsa no fifire.
35Na nnaka no tiri no, wɔyeyɛɛ no nkurukuruwa nkurukuruwa hyiae, ne korɔn yɛ anammɔn baako, na nnakatire no so na ne nsa ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa a ɛfiri mu no wɔ.
36Na ɔdii ne nsa no trɛ ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no so adwini: Kerubim ne agyata ne mmɛ, sɛdeɛ ntam nnedahɔ teteɛ no, na nhahamma nkyekyereɛ twa ho hyia.
37Saa na ɔyɛɛ nnaka du no, ne nyinaa yɛ gubea, nsusuiɛ ne suban korɔ.
38Ɛnna ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn du, dwaresɛn baako di galɔn ahanan. Na dwaresɛn baako biara yɛ basafa mmienu; nnaka du no nyinaa, dwaresɛn no sisi so mmaako mmaako.
39Na ɔde nnaka no nnum sisii ɛdan no anafoɔ fam, na ɔde nnum sisii atifi fam; na ɛpo no deɛ, ɔde sii ɛdan no anafoɔ fam, apueeɛ a ɛkyerɛ anafoɔ fam no.
Asɔredan no mu nsiesie nnoɔma(2 Berɛsosɛm 4.11—5.1)40 2 Be 4.11-18 Na Hiram yɛɛ nnwaresɛn no, sesa adeɛ ne nkoraa. Na Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Salomo, AWURADE fie ho no nyinaa yɛ,
41adum mmienu no ne adum no atifi ntaasotire no apɔ mmienu no, ne atena mmienu a wɔde kataa adum no, atifi ntaasotire apɔ mmienu no ho no,
42na atena mmienu no ho atoaa aba nsɛsoɔ ahanan no, atoaa aba nsɛsoɔ kyerɛpɛn mmienu yɛ atena baako deɛ, sɛ ɛnkata ntaasotire apɔ mmienu a ɛwowɔ adum no soɔ no ho,
43ne nsugyeɛ nnaka du no so nnwaresɛn du no,
44ne ɛpo baako, ne ɛpo no ase anantwie dummienu no;
45ne nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no.
Na nnoɔma a Hiram yɛ maa Ɔhene Salomo de maa AWURADE fie no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho.
46Na ɔhene de kɔɔ Yordan ho asase so dɔteɛ mu wɔ Sukot ne Saretan ntam.
47Na Salomo gyaee nnoɔma no nyinaa karie, ne dɔ a ɛdɔɔso nti; wɔanhunu kɔbere mfrafraeɛ no mu duro.
48 2 Be 4.19—5.1 Na Salomo yɛɛ AWURADE fie nnoɔma no nyinaa, sika afɔrebukyia ne ɛpono a kyerɛ paanoo sisi soɔ no sika,
49ne nkaneadua no, nnum wɔ nifa na nnum wɔ benkum, mpiakyire no anim no yɛ sika amapa, na ɛho nhwiren ne nkanea ne adaban no yɛ sika;
50ne nyowa ne adumgya ne nkoraa ne nyowaa ne nsramma kukuwa no yɛ sika ara nko; na ɛdan no mu fam kronkronkronbea hɔ apono ne asɔredan apono no mpɛɛwa nso yɛ sika.
51Na wɔwiee adwuma a Ɔhene Salomo yɛɛ no AWURADE fie ho no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ, dwetɛ ne sika ne nnoɔma nnoɔma no, baa mu de bɛsiee AWURADE fie akoradeɛ mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.