1Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.
2Na ɔkɔɔ ɔhene ponkɛseɛ anim; nso na obiara nni ho kwan sɛ ɔfira ayitoma de hyɛne ɔhene ponkɛseɛ no mu.
3Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu hɔ no, abooboodie kɛseɛ, ne mmuadadie, ne esu ne adwotwa baa Yudafoɔ no mu, na nnipa pii dedaa ayitoma ne nso mu.
4Ɛnna Ester mmabaa ne ne mpiafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmaa no bɔɔ birim papa, na ɔsomaa sɛ wɔmfa ntadeɛ nkɔhyɛ Mordekai, na wɔnyi ne ho ayitoma no, nanso wannye.
5Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafoɔ no mu baako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahunu adekodeɛ ne deɛ ɛfiri soɔ.
6Na Hatak firii adi kɔɔ Mordekai nkyɛn, kuro no mpraeɛ a ɛda ɔhene ponkɛseɛ anim no so.
7Est 3.9 Na Mordekai kaa no deɛ ato no no nyinaa ne dwetɛ dodoɔ a Haman aka sɛ Yudafoɔ no nti ɔbɛkari agu ɔhene akoradeɛ mu sɛ wɔnsɛe wɔn no.
8Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ no wɔ Susa sɛ wɔnsɛe wɔn no atwerɛ nhwɛsoɔ maa no, sɛ ɔmma Ester nhunu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkoto nsrɛ no, na ɔnsrɛ wɔ n’anim mma ne man.
Wɔsrɛ Ester hɔ mmoa9Na Hatak ba bɛkaa Mordekai nsɛm no kyerɛɛ Ester.
10Ɛnna Ester ka kyerɛɛ Hatak na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn sɛ,
11Est 5.2; 8.4 ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfoɔ nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abannwa soɔ a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛne sɛ wɔku no, gye deɛ ɔhene bɛtene sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena aseɛ no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.
12Na wɔkɔkaa Ester nsɛm no kyerɛɛ Mordekai.
13Na Mordekai kaa sɛ wɔnkɔbua Ester sɛ: Nsusu sɛ wobɛfiri mu afi wɔ ahemfie, Yudafoɔ nyinaa mu;
14Gye 45.7 na mmom sɛ womua w’ano berɛ yi mu a, ɛnneɛ mmoa ne ɔgyeɛ bɛsɔre afiri baabi ama Yudafoɔ, na wo ne w’agya fie deɛ, mobɛsɛe; na hwan na ɔnim sɛ ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi nti na wo nsa aka ahennie no?
15Ɛnna Ester kaa sɛ wɔnkɔbua Mordekai sɛ:
162 Ah 7.4 Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ mewu a, na mawu.
17Na Mordekai sane kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Ester hyɛɛ no no nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
