Asomafoɔ 22 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1 Wɔkyere no

22 Aso 21.36 Na wɔtiee no bɛduruu asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Yi saa onipa yi firi asase so, na ɛnsɛ sɛ ɔtena ase!

23Na wɔreteatea mu na wɔreto wɔn ntoma guo tu mfuturo gu ahunum no,

24ɔsafohene no hyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu, na ɔkaa sɛ wɔmfa mpire mmisa no, na ɔnhunu adekodeɛ a enti wɔbom gu ne soɔ yi.

25Aso 16.37; 23.27 Na wɔde nhoma kyekyeree no no, Paulo bisaa ɔha so panin a ɔgyina hɔ no sɛ: Mowɔ ho kwan sɛ moka onipa a ɔyɛ Romani na wɔmmuu no fɔ mpire anaa?

26Na ɔha so panin no tee saa no, ɔkɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ: Ɛdeɛn na worebɛyɛ yi? Hwɛ, onipa yi yɛ Romani.

27Na ɔsafohene no ba bɛbisaa no sɛ: Woyɛ Romani a, ka kyerɛ me! Na Paulo se: Aane.

28Na ɔsafohene no buaa sɛ: Me deɛ, ɔmanbayɛ yi, mede sika pii na ɛtɔeɛ. Na Paulo se: Me deɛ, wɔde woo me.

29Ɛnna ntɛm ara wɔn a wɔrebɛbisa no no firii ne nkyɛn. Na ɔsafohene no tee sɛ ɔyɛ Romani no, ɔsuroo sɛ wakyekyere no.

Paulo gyina asɛnniiɛ

30Na adeɛ kyeeɛ no, na ɔpɛɛ sɛ ɔhunu adekodeɛ a enti Yudafoɔ totoo n’ano no mu nokorɛ nti, ɔsanee no firii ne nkyehoma mu, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne wɔn badwafoɔ nyinaa mmra, na ɔmaa wɔde Paulo ba bɛgyinaa wɔn anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help