1Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE soɔ no
te sɛ Sion bepɔ,
ɛnhinhim, na ɛsi hɔ daa.
2 Dwom 36.6 Sɛdeɛ Yerusalem, mmepɔ atwa ho ahyia no,
saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia
firi seesei de kɔsi daa.
3Na bɔne ahempoma rentena
ateneneefoɔ kyɛfa so,
na ateneneefoɔ antene
wɔn nsa ansɔ amumuyɛ mu.
4AWURADE, yɛ wɔn a wɔyɛ no yie,
ne wɔn a wɔtene wɔ wɔn akoma mu.
5 Gal 6.16 Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ,
AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ.
Asomdwoeɛ mmra Israel so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
