Nnwom 30 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Aseda dwomDwom a wɔto de dwiraa Asɔredan no ho. Dawid dwom.

1 Dwom 35.19, 24 Mɛma wo so, AWURADE, ɛfiri sɛ woayi me,

na woamma m’atamfoɔ ani annye, me nti.

2AWURADE, me Nyankopɔn, mesu mefrɛɛ wo,

na wosaa me yadeɛ.

3 Dwom 116.3-4 AWURADE, woatwe me kra afiri Asamando,

woama me nkwa na mankɔ Amena mu.

4Monto AWURADE dwom, mo a moyɛ n’ahotefoɔ,

na monyi ne din kronkron no ayɛ.

5 Yes 54.7 Na n’abufuo kyɛre kakraa bi,

na n’adɔeɛ deɛ, ɛtena hɔ kyɛre sɛ nkwa berɛ.

Osu bɛsoɛ anadwo,

na adeɛ kye a, na anigyeɛ aba.

6Na me deɛ, mesee m’ahodwoɔ mu sɛ:

Merenhinhim ara da.

7AWURADE, wode w’anisɔ ama me

atim denden sɛ bepɔ,

na wode w’ani huntaa no,

m’akoma tui.

8Wo, AWURADE, na mesu mefrɛɛ woɔ,

na mekoto mesrɛɛ AWURADE sɛ:

9 Dwom 6.5 Ɛdeɛn mfasoɔ na ɛwɔ me so

wɔ m’Amena mu korɔ mu?

Mfuturo bɛda wo ase anaa?

Ɛbɛka wo nokorɛ akyerɛ anaa?

10AWURADE, tie, na hu me mmɔbɔ!

AWURADE, bɛboa me!

11 Yoh 16.20 Woama m’abooboo adane me asa,

woasane me ho ayitoma,

na wode anigyeɛ abɔ me abɔsoɔ,

12 Dwom 16.9 na m’animuonyam ato wo dwom, na annyae da.

AWURADE, me Nyankopɔn, mɛda wo ase daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help