Numeri 22 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Balak soma ma wɔkɔhyia Bileam

1Na Israelfoɔ no tu kɔkyeree nsraban wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko agya.

2Na Sipor ba Balak hunuu deɛ Israel yɛɛ Amorifoɔ no nyinaa.

3Na Moab suroo ɔman no pii, ɛfiri sɛ na wɔdɔɔso, na ehu kaa Moab, Israelfoɔ no nti.

4Na Moab ka kyerɛɛ Midian mpanimfoɔ sɛ: Afei ɛdɔm yi bɛdi yɛn ho adeɛ nyinaa, sɛdeɛ nantwie di asase so wira no. Saa berɛ no mu no Sipor ba Balak na na ɔyɛ Moab hene.

5Yos 24.9; Mika 6.5 Na ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Beor ba Bileam nkyɛn wɔ Petor a ɛda asubɔnten no ano, ne manfoɔ asase so, sɛ wɔnkɔhyia no sɛ: Hwɛ, ɔman bi firi Misraim aba, na hwɛ, wɔabɛkata asase ani, na wɔn ara na wɔgu m’anim yi.

6Na afei bra bɛdome ɔman no ma me, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene me, sɛ ebia mɛtumi maku wɔn, na mapamo wɔn afiri asase yi so anaa; na menim sɛ deɛ wohyira no no, wɔahyira no, na deɛ wodome no no, wɔadome no.

7 2 Pe 2.15 Na Moab mpanin ne Midian mpanin no sii mu kɔe, na adebisa akatua no kura wɔn nsam; na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn de Balak asɛm no kɔtoo n’anim.

8Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena ha anadwo yi, na mede mmuaeɛ bɛbrɛ mo, sɛdeɛ AWURADE bɛkasa akyerɛ me no. Na Moab asafohene no ne Bileam tenaa hɔ.

9Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn bɛkaa sɛ: Mmarima bɛn na wɔne wo wɔ hɔ yi?

10Na Bileam ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Moabhene Sipor ba Balak na ɔsoma maa wɔbaa me nkyɛn bɛkaa sɛ:

11Hwɛ, ɔman a wɔfiri Misraim baeɛ no abɛkata asase ani. Afei bra bɛdome wɔn ma me, sɛ ebia mɛtumi ne wɔn ako na mapam wɔn anaa.

12Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛne wɔn nnkɔ; nkɔdome ɔman no, na wɔahyira wɔn.

13Na Bileam sɔree anɔpa, na ɔka kyerɛɛ Balak asafohene no sɛ: Monkɔ mo asase so, na AWURADE ampene amma me kwan sɛ me ne mo nkɔ.

14Na Moab asafohene no sɔre baa Balak nkyɛn bɛkaa sɛ: Bileam ampene sɛ ɔne yɛn bɛba.

15Na Balak sane somaa atitire a wɔdɔɔso na wɔn anim yɛ nyam sene wɔn.

16Na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Sipor ba Balak seɛ nie: Afei deɛ, mma biribi nnsi wo me nkyɛn ba kwan,

17na mɛhyɛ wo animuonyam pii, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no, mɛyɛ: Enti bra ara na bɛdome ɔman yi ma me.

181 Ah 13.8 Na Bileam buaa see Balak nkoa no sɛ: Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika ahyɛ mu ma, ma me mpo a, merentumi memmu AWURADE me Nyankopɔn asɛm so menkɔyɛ biribi ketewa anaa kɛseɛ.

19Na afei mo nso montena ha anadwo yi, na menhunu deɛ AWURADE bɛsane aka akyerɛ me.

20Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ hyia na mmarima yi bɛhyiaa woɔ a, sɔre na ɛne wɔn nkɔ; nanso asɛm a mɛka makyerɛ woɔ no nko na di soɔ.

N’afunumu gye no nkwa

21Ɛnna Bileam sɔree anɔpa hyehyɛɛ n’afunumu na ɔne Moab atitire no sii mu kɔe.

22Na ɔrekorɔ no, Onyankopɔn bo fui, na AWURADE bɔfoɔ bɛgyinaa ɔkwan no so sɛ ɔbɛsi no kwan; nso na ɔte n’afunumu so, na ne nkoa baanu ne no na ɛnam.

23Gye 3.24; Yos 5.13 Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔkwan mu kura nkrantɛ a watwe wɔ ne nsam na afunumu no mane firii kwan no so kɔfaa wiram; na Bileam hwee afunumu no sɛ ɔredane no aba ɔkwan mu.

24Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no kɔgyinaa bobe nturo ntam nammɔnkorɔ kwan mu a ɔfasuo wɔ ha ne ha.

25Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔde ne ho miaa ɔfasuo no, na ɔkaa Bileam nan miaa ɔfasuo no ho; na ɔkɔɔ so hwee no ara.

26Na AWURADE bɔfoɔ no twe kɔɔ anim kɔgyinaa deɛ ɛhɔ yɛ hihiaa a ɔkwan nni hɔ a wɔbɛdane akɔ nifa anaa benkum.

27Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔbutuu fam, Bileam ase; na Bileam bo fui, na ɔde abaa bɔɔ afunumu no.

282 Pe 2.16 Ɛnna AWURADE buee afunumu no ano, na ɔka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ woɔ a woabɔ me mprɛnsa yi?

29Na Bileam ka kyerɛɛ afunumu no sɛ: Sɛ woagoro me ho ntira. Sɛ mekura nkrantɛ a, anka sɛsɛɛ maku wo.

30Na afunumu no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛnyɛ w’afunumu ne me a woatena me so ara de abɛsi nnɛ da yi? Mayɛ wo sei pɛn anaa? Na ɔse: Dabi.

31Ɛnna AWURADE buee Bileam ani, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔkwan mu kura nkrantɛ a watwe wɔ ne nsam, na ɔkoto de n’anim butuu fam tim.

32Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wobɔɔ w’afunumu no mprɛnsa yi? Hwɛ, maba sɛ merebɛsi wo kwan, ɛfiri sɛ wo kwan no ntene wɔ m’anim;

33na afunumu no hunuu me, na ɔmane firii m’anim mprɛnsa yi; sɛ wammane amfiri m’anim a, anka sɛsɛɛ maku wo dada, na ɔno deɛ, magye no nkwa.

34Na Bileam ka kyerɛɛ AWURADE bɔfoɔ no sɛ: Mayɛ bɔne na mennim sɛ wo na wogyina ɔkwan mu rehyia me; na afei, sɛ ɛyɛ bɔne w’ani so deɛ a, mɛsane m’akyi.

35Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛne mmarima no nkɔ; na asɛm a mɛka makyerɛ woɔ no nko na ka. Na Bileam ne Balak atitire no sii mu kɔe.

36Na Balak tee sɛ Bileam reba no, ɔfiri kɔhyiaa no, Moab kuro a ɛda Arnon a ɛyɛ ɛhyeɛ no soɔ no mu, wɔ nhyenoa hɔ pɛɛ.

37Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛnyɛ soma na mesomaa sɛ wɔmmɛhyia wo mmra? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? Wonnye nni sɛ mɛtumi ahyɛ wo animuonyam anaa?

38Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Hwɛ, afei maba wo nkyɛn. Mɛtumi maka asɛm bi anaa? Asɛm a Onyankopɔn de hyɛ m’anomu no, ɛno na mɛka.

39Na Bileam ne Balak kɔe, na wɔduruu Kiriat-husot.

40Na Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔdeɛ, maa wɔde kɔmaa Bileam atitire a wɔne no wɔ hɔ no.

41Num 23.28 Na adeɛ kyeeɛ no, Balak faa Bileam, na ɔde no foro kɔɔ Baal sorɔnsorɔmmea so; na ɔfiri hɔ hunuu ɔman no ano.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help