Deuteronomium 24 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Awareɛ ne awaregyaeɛ ho mmara

1 Mat 5.31-32; 19.7 Sɛ ɔbarima bi ware yerɛ, na ɛba sɛ n’ani nnye ɔbaa no ho a, ɛfiri sɛ wahunu ne ho aniwudeɛ bi a, ɛnneɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ nwoma mma no na ɔmfa nhyɛ ne nsa, na ɔnnya no kwan mfiri ne fie.

2Na sɛ ɔfiri ne fie kɔ na ɔkɔware ɔbarima bi,

3na ekunu foforɔ no nso mpɛ no, na ɔtwerɛ awaregyaeɛ nwoma ma no de hyɛ ne nsa na ɔgya no kwan firi ne fie, anaasɛ ekunu a ɔwaree no akyire yi no wu a,

4ɛnneɛ ne kane kunu a ɔgyaa no kwan no nnsane mmmɛware no bio, ne ho figuo no akyi, ɛfiri sɛ ɛno yɛ AWURADE anim akyiwadeɛ, na mfa bɔne ngu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so.

Mmara ahodoɔ bi

5 Deut 20.7 Sɛ ɔbarima bi ware yerɛ foforɔ a, ɔnnkɔ ɔsa, na wɔmmfa adwuma biara nnto ne so; na ɔnne ne ho wɔ ne fie afirinhyia, na ɔne ne yere a ɔwaree no no ani nnye.

6Obi nnnye oyuyammoɔ ne ne ba sɛ awowa deɛ; sɛ ɛba saa a na onii no regye nkwa sɛ awowadeɛ.

7 Eks 21.16 Sɛ wɔhunu obi a ɔwia ne nuanom Israelfoɔ mu nipa bie na ɔdi no nya anaasɛ ɔtɔn no a, ɛnneɛ owifoɔ no nwu; na yi bɔne no firi wo mu.

8 Lew 13; 14.12 Hwɛ yie kwata yadeɛ ho, na woahwɛ ayɛ sɛdeɛ asɔfoɔ Lewifoɔ no bɛkyerɛ mo no nyinaa pɛpɛɛpɛ; sɛdeɛ mehyɛɛ wɔn no, saa na monhwɛ nyɛ.

9Num 12.10-15 Kae deɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Miriam wɔ kwan soɔ, berɛ a mofiri Misraim reba no.

10Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nhyɛne ne dan mu nkɔgye n’awowa;

11adihɔ na gyina, na onipa a wofɛm no adeɛ no mfa awowa no mmrɛ wo wɔ adihɔ.

12Na sɛ ɔyɛ onipa a ɔdi hia a, mfa n’awowa no nna;

13Eks 22.26 owia kɔtɔ a, dane awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntoma nna, na ɔnhyira wo, na ɛnyɛ wo tenenee wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim.

14 Lew 19.13 Nhyɛ ɔpaani, mmɔborɔni ne ohiani a ɔfiri wo nuanom anaa ahɔhoɔ a wɔwɔ w’asase soɔ, wo nkuro mu no so.

15Da a ɔyɛ adwuma no ara na ma no n’apaadeɛ, na mma owia nnkɔtɔ so, ɛfiri sɛ ɔdi hia, na ɔde n’ani ato so; na wansu amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne.

16 1 Ah 14.6; Hes 18.19-20 Wɔnnkum nananom wɔ wɔn mma bɔne so nti, na wɔnnkum mma wɔ wɔn nananom bɔne so nti; na obiara bɔne nti na wɔnku no.

17 Eks 22.21-22 Nkyea ɔhɔhoɔ anaa awisiaa atɛn, na nnye okunafoɔ atadeɛ awowa.

18Deut 16.12 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo firii hɔ, enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi soɔ.

19 Lew 19.9-10 Sɛ wotwa w’aduane w’afuo mu na wo werɛ firi afi bi afuo mu hɔ a, nsane nkɔfa; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo wɔ wo nsa ano adwuma nyinaa mu.

20Sɛ wopore wo ngo dua a, nsane nkɔtwee so; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ.

21Sɛ wote wo bobeturom aba a, nsane nkɔdi so mpɛpɛ; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ.

22Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so; enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi soɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help