2 Samuel 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔdi Isboset awu

1Na Saulo ba Isboset tee sɛ Abner awu Hebron no, ne nsam goe, na Israel nyinaa bo tui.

2Na Saulo ba no wɔ mmarima baanu a wɔyɛ no asafohene, ɔbaako din de Baana, na deɛ ɔka ho no din de Rekab, wɔyɛ Beerotni Rimon mma a wɔfiri Benyamin mma mu. Na wɔbu Beerotfoɔ nso fra Benyaminfoɔ mu.

3Na Beerotfoɔ no dwane kɔɔ Gitaim kɔyɛɛ hɔ ahɔhoɔ de bɛsi nnɛ.

4 2 Sa 9.3 Na Saulo ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ɔyɛ apakye. Saulo ne Yonatan ho asɛm no firii Yesreel baeɛ no, na wadi mfeɛ nnum, na ne bagyegyefoɔ maa no so dwanee. Na ɔreyɛ ntɛm adwane no, ɔhwee ase, na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset.

5Na Beerotni Rimon mma Rekab ne Baana sii mu baa Isboset fie awia ketee, nso na wada awianna.

6Na hwɛ, na efie hɔ pono wɛmfoɔ no reporo ayuo, na n’ani akum ama wada; enti Rekab ne ne nua Baana yɛɛ nwaa hyɛnee mu.

7Na wɔduruu ɛdan no mu, na ɔno nso da mpa so, ne dabekyire no, wɔwɔɔ no sekan kumm no, na wɔtwaa ne ti, na wɔde ne tiri no nam Yordan bonhwa kwan anadwo no nyinaa kɔe.

8Na wɔde Isboset tiri no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, wo tamfo Saulo ba Isboset a anka ɔrehwehwɛ wo aku woɔ no tiri nie, na ɛnnɛ da yi AWURADE atɔ Saulo ne n’asefoɔ so were ama me wura ɔhene.

9Nanso Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi,

102 Sa 1.15 deɛ ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, Saulo awu, na ɛyɛɛ n’ani so sɛ asɛmpa na ɔde abrɛ me no, mekyeree no mekumm no Siklag, mede metuaa no n’asɛm no so ka,

11na nkantom sɛ nnipa bɔne adi onipa tenenee awu ne fie, ne mpa soɔ, na afei, meremmisa ne mogya mo nsam, na merenyi mo mfiri asase so anaa?

12Na Dawid hyɛɛ ne mmeranteɛ no maa wɔkumm wɔn, na wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan de sensɛnee ɔtareɛ a ɛwɔ Hebron no ho. Na Isboset tiri no deɛ, wɔfae, na wɔsiee wɔ Abner da mu Hebron.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help