1 Mat 24.36 Na nna no ne mmerɛ no deɛ, anuanom, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo.
2Mat 24.42-44; 2 Pe 3.10; Adi 3.3; 16.15 Ɛfiri sɛ mo ara monim yie, sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ ba anadwo.
3Yer 6.14; Mat 24.39 Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.
4Na mo deɛ, anuanom, monni esum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifoɔ.
5Rom 13.12; Efe 5.8 Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyeeɛ mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea.
6Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.
7Ɛfiri sɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔborɔ boro anadwo,
8Efe 6.14-17 na yɛn a yɛyɛ adekyeeɛ dea yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ.
9Ɛfiri sɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuo, na mmom ɔyii yɛn sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nti yɛmmɛnya nkwagyeɛ.
10Rom 14.8-9; 1 Te 4.14 Ɔno na ɔwu maa yɛn sɛ yɛnyane oo, yɛwu oo, yɛne no ntena nkwa mu.
11Yuda 20 Enti montutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛdeɛ moreyɛ no ara.
Afotuo ahodoɔ12 1 Ko 16.18 Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ monhunu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wɔdi mo so mpanin Awurade mu, na wɔkasa kyerɛ mo,
13na mommu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoeɛ mu.
142 Te 3.15 Afei yɛtu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekyere wɔn a wɔn akoma atuo werɛ, monsɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛ mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.
15Mmb 20.22; Rom 12.17; 1 Pe 3.9 Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne ka, na mmom monni deɛ ɛyɛ akyiri daa, mo ne nnipa nyinaa ho.
16Flp 4.4 Momma mo ani nnye daa;
17Luk 18.1; Rom 12.12; Kol 4.2 monnnyae mpaebɔ da!
18Efe 5.20 Monna ase ade nyinaa mu, na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ Kristo Yesu mu wɔ mo ho.
191 Ko 14.30; 14.39 Monnnum honhom no,
201 Ko 14.1 monnte adiyisɛm atua!
211 Ko 14.29; 1 Yoh 4.1 Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu den.
22Monyi mo ho mfiri bɔne su nyinaa ho.
23Na ɔno asomdwoeɛ Nyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.
241 Ko 1.9; 2 Te 3.3 Ɔnokwafoɔ ne deɛ wafrɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.
Nkradie25Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn.
261 Ko 16.20 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa.
27Mehyɛ mo Awurade mu sɛ, momma wɔnkenkan nwoma yi nkyerɛ anuanom nyinaa.
28Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.