1
asase no ne Pekod nkurɔfoɔ no so sa.
Kum wɔn, na sɛe wɔn pasaa,
AWURADE asɛm nie,
na yɛ sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no nyinaa.
22Akodie gyegyeegye ne ɔsɛeɛ kɛseɛ
wɔ asase no so.
23 Yer 51.20 Sɛdeɛ wɔasi atwitwa, na
wɔabubu asase nyinaa asaeɛ no,
sɛdeɛ Babel asi adane
amamfo amanaman mu ne no!
24Masum wo fidie na ayi wo nso, Babel,
na wo deɛ, woanhunu;
wɔahu wo akyere wo nso,
ɛfiri sɛ wo ne AWURADE na adi aperepereɛ.
25AWURADE ahini n’akoradeɛ dan,
na wayi n’abufuhyeɛ akodeɛ,
ɛfiri sɛ asafo AWURADE Nyankopɔn wɔ adwuma bi yɛ
wɔ Kaldeafoɔ asase so.
26Momfiri ano nohoa mmra ne so,
monhini n’asan,
monsesa ngu hɔ sɛ ayuo akuakuo, na monsɛe no pasapasa,
mommma biribiara nnka mmma no.
27Monkunkum n’anantwinini nyinaa;
momma wɔnsiane nkɔ okum mu.
Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔn da,
wɔn asotwe berɛ adu.
28Wɔte adwanefoɔ ne wɔn a wɔafiri mu afiri Babel asase soɔ nne, na wɔbɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn aweretɔ, n’asɔrefie ho aweretɔ wɔ Sion hɔ.
29 Yer 50.15 Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babel, wɔn a wɔkuntunu tadua mu nyinaa, monkyere ne ho nsraban nhyia. Mommma obiara mmfiri mu mmfi. Monsusu ne nneyɛɛ so nsi no ananmu, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, monyɛ no saa ara, ɛfiri sɛ wayɛ AWURADE, Israel Kronkronni no so ahantansɛm.
30Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ ne mmorɔno so, na n’akofoɔ nyinaa bɛdwerɛ ɛda no, AWURADE asɛm nie.
31Ɔhantanni, hwɛ, me ne wo na anya,
asafo AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,
ɛfiri sɛ wo da,
w’asotweberɛ adu.
32Na ahantanni no bɛsunti ahwe ase,
na obiara nni hɔ a ɔbɛma no soɔ;
na masɔ ne nkuro mu gya,
na ahye atwa ne ho nyinaa ahyia.
33Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔhom Israel mma ne Yuda mma nyinaa so, na wɔsosɔɔ wɔn a wɔafa wɔn nnommum nyinaa mu, wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn.
34Wɔn pɔnfoɔ no nso ho yɛ den, asafo AWURADE ne ne din; die na ɔne wɔn ho asɛmpɛfoɔ no bɛdie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wama asase no ahome, na wahyɛ Babelfoɔ ahometeɛ.
Afena ho atemmusɛm35Afena wɔ Kaldeafoɔ so, AWURADE asɛm nie,
ne Babelfoɔ so, ne wɔn mmapɔmma
ne wɔn anyansafoɔ so.
36Afena wɔ akɔmfoɔ atorofoɔ no so,
na wɔadanedane nkwasea.
Afena wɔ wɔn nnɔmmarima so,
na wɔn akoma atu na wɔakunkum wɔn.
37 Yer 51.30 Afena wɔ wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam
ne asraafoɔ afrafrafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa so,
na wɔadanedane mmaa;
afena wɔ n’akoradeɛ so
na wɔafom afa.
38Ɛweɛ wɔ ne nsuo so
na awewe,
ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase,
na wɔbobɔ abosom a ɛyɛ hu ho dam.
39Ɛno nti ɛserɛ so mmoa ne nkuntumpaa bɛtena hɔ, na nsohori bɛtena mu; na nnipa rentena mu da biara da, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu biara renkyekyere bio.
40Gye 19.24-25 Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro a Onyankopɔn butuiɛ no, AWURADE asɛm nie, obiara biara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ mu hɔhoɔ.
41 Yer 50.9 Hwɛ, ɔman bi firi atifi fam reba
na ɔman kɛseɛ bi ne ahemfo bebree
wɔkanyan wɔn ho firi asase ano tɔnn.
42 Yer 6.23 Wɔkurakura tadua ne pɛmɛ;
wɔn ho yɛ den, na wɔnhunu mmɔbɔ;
wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo,
na wɔtete apɔnkɔ so
asiesie wɔn ho sɛ akofoɔ,
atu wo, Babel babaa, so sa.
43Babel hene te wɔn nka,
na ne nsam ago;
ahohiahia akye no,
ne yea sɛ ɔbaa wofoɔ.
44 Yer 49.19-21 Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ɔfiri Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔadwane afiri hɔ amonom, na deɛ mɛyi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?
45Enti montie AWURADE agyina a watu no Babel ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Kaldeafoɔ asase ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa no akɔ; ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.
46Ɛnne a ɛse: Wɔafa Babel! no gyegyeegye nti asase woso, wɔte agyaadwotwa amanaman mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.