1 Petro NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUWɔtwerɛɛ Petro krataa a ɛdi kan no kɔmaa Akristofoɔ a ɛha yi wɔfrɛ wɔn “nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn,” na wɔabɔ ahweteɛ wɔ Asia Kumaa atifi fam. Ne botaeɛ titire ne sɛ, ɔbɛhyɛ n’akenkanfoɔ nkuran, wɔn a ɛberɛ no mu, ɛsiane wɔn gyidie nti wɔhunuu amane wɔ ɔtaa mu. Ɔtwerɛfoɔ no kae n’akenkanfoɔ no asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho, deɛ ne wuo, ne wusɔreɛ mu ne bɔhyɛ a ɛfa ne mmaeɛ ho ma wɔn anidasoɔ. Ɛsiane yeinom nyinaa nti wɔnnya boasetɔ nnye ntom, mfa amanehunu mu. Wɔnnya awerɛhyɛmu sɛ ɛyɛ deɛ wɔde resɔ wɔn gyidie mapa ahwɛ, na wɔbɛnya akatua “ɛda a Yesu Kristo bɛyi ne ho adi no” (1.7).Deɛ ɔtwerɛfoɔ no de ka ne nkuranhyɛ wɔ ɔhaw berɛ mu ho ne sɛ, ɔtuu wɔn fo sɛdeɛ wɔbɛtena ase sɛ Kristo nkurɔfoɔ.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-2Onyankopɔn nkwagyeɛ ho nkaeɛ 1.3-12Kronkronyɛ ho afotuo 1.13—2.10Kristoni asɛdeɛ wɔ amanehunu berɛ mu 2.11—4.19Kristoni ahobrɛaseɛ ne ɔsom 5.1-11Awieeɛ 5.12-14
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help