Filemon NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)
NHYƐNMUFilemon yɛ Kristoni a na ɔwɔ din pa ara. Ɔno na na ɔyɛ akoa bi a wɔfrɛ no Onesimo wura, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Kolose asafo no mu nipa. Ɛbae sɛ na akoa yi adwane afiri ne wura nkyɛn, na ɛkwan bi so no, ɔne Paulo a saa berɛ no na ɔda afiase no kɔhyiae. Ɛnam Paulo so maa Onesimo bɛyɛɛ Kristoni. Krataa a Paulo twerɛ kɔmaa Filemon no yɛ adesrɛ a ɔde pɛɛ n’akoa a ɔresoma no ne nkyɛn saa berɛ no nkabom. Ɔhwehwɛɛ sɛ, Filemon nnnye no nnto mu sɛ akoa a wɔde ne bɔne akyɛ no nko ara, na mmom sɛ onua Kristoni.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1-3Filemon ayeyie 4-7Paulo srɛ ma Onesimo 8-22Awieeɛ 23-25