2 Samuel NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUSamuel nwoma a ɛtɔ so mmienu no yɛ deɛ ɛdi kan no ntoasoɔ, na ɛyɛ abakɔsɛm a ɛfa Dawid ahennie ho. Ɔdii kan dii hene wɔ Yuda a ɛwɔ anafoɔ fam (Ti 1-4). Akyire yi no, ɔbɛdii ɔman no nyinaa so a na Israel a ɛwɔ atifi fam ka ho no (Ti 5-24). Ɛyɛ asɛm a ɛda adi pefee sɛ deɛ na ɛbɛyɛ a Dawid bɛtrɛ n’ahemman no mu, na ama n’ahennie agyina no, ɔne atamfoɔ a wɔwɔ ɔman no mu ne aman foforɔ so atumfoɔ dii apereapereɛ.Wɔkyerɛ a, na Dawid yɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidie a emu yɛ den, na ɔtuu ne ho sii hɔ maa Onyankopɔn ne obi a ɔdii ne man nokorɛ. Nanso ɛtɔ da bi a, na ɔnni ahummɔborɔ, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ bɔne a ɛyɛ hu de hwehwɛ n’akɔnnɔ ne deɛ ɔpɛ. Ɛberɛ a AWURADE diyifoɔ Natan daa ne bɔne adi kyerɛɛ no no, ɔgyee ne bɔne no too mu, na ɔpenee asotwe a Onyankopɔn de baa no soɔ no so.Dawid abrabɔ ne deɛ ɔyɛeɛ sɔɔ Israelfoɔ ani yie, enti akyire yi no, ɔman no ho hiahiaa wɔn, na wɔrehwehwɛ ɔhene foforɔ no, na wɔpɛ obi a ɔyɛ Dawid aseni, babarima a ɔte sɛ ɔno ara.EMU NSƐMDawid di Yuda so hene 1.1—4.12Dawid di Israel nyinaa so hene 5.1—24.251. Mfeɛ a ɛdi kan no 5.1—10.192. Dawid ne Batseba 11.1—12.253. Ɔhaw ne ahokyere ahodoɔ 12.26—20.264. Mfeɛ a ɛdi akyire no 21.1—24.25
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help