Nnwom 32 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Bɔne fakyɛ mu ahotɔDawid deɛ. Nnweneho dwom.

1 Rom 4.6-9 Nhyira ne deɛ wɔde ne mmarato akyɛ no,

na wɔakata ne bɔne soɔ.

2Nhyira ne onipa a AWURADE mmu n’amumuyɛ ngu ne soɔ,

na nnaadaa nni ne honhom mu.

3 Dwom 31.11; 51.8 Na memuaa m’ano no, me nnompe hodwoe,

m’apinisie a mesii no daa nyinaa nti.

4Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru,

me mu nsuo twee, na mekusaa sɛ awia berɛ mu.

5 Mmb 28.13 Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo,

na mankora m’amumuyɛ so.

Mekaa sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE.

Wo na wode me bɔne so mmusuo kyɛeɛ.

6Yei nti teeni biara mmɔ wo mpaeɛ da a ɔbɛhu woɔ no.

Ampa ara, sɛ asu kɛseɛ yiri a, ɛremfa ɔyaa korɔ.

7Wone me huntabea,

wobɛbɔ me ho ban na me ho annwan me,

na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.

8 Dwom 25.12 Na wo AWURADE aka sɛ: Mɛbue w’adwene mu na makyerɛ wo

ɔkwan a wobɛfa soɔ,

m’ani wɔ wo so, na mɛtu wo fo.

9 Mmb 26.3 Monnyɛ sɛ apɔnkɔ anaa mfunumupɔnkɔ a wɔnnim de,

nnareka ne ɛho homa na wɔde to wɔn ano mu twe wɔn,

anka wɔrentwe mmɛn wo.

10Ɔbɔnefoɔ yea dɔɔso,

na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no,

wɔde adɔeɛ bɛdi no barehyia.

11 Dwom 33 Ateneneefoɔ, momma mo ani nnye AWURADE ho, na monni ahurisie!

Akoma mu teefoɔ nyinaa, momfa anigyeɛ nhuro!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help