Lewitikɔs 10 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nadab ne Abihu ho asɛm

1Na Aaron mma Nadab ne Abihu fefaa wɔn gyasɔ adeɛ, na wɔde ogya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so, na wɔde ananagya a ɔnhyɛɛ wɔn ho mmara baa AWURADE anim.

2Num 16.35; 2 Be 26.16-20 Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee wɔn, na wɔwuwuu AWURADE anim.

31 Pe 4.17 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ:

Wɔn a wɔtwe pini me no mu

na mɛyɛ me ho kronkron,

na ɔman no nyinaa anim

na mɛhyɛ me ho animuonyam.

4 Eks 6.22; Aso 5.6, 10 Na Aaron yɛɛ komm. Ɛnna Mose frɛɛ Aaron n’agya nuabarima Usiel mma Misael ne Elsafan baeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montwe mpini, na mommɛsoa mo nuanom no mfiri kronkronbea anim nkɔ nsraban no akyi.

5Na wɔtwe bae bɛsoaa wɔn, wɔn ntadeɛ mu, de wɔn kɔɔ nsraban no akyi sɛdeɛ Mose kaeɛ no.

6Lew 21.10 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛ mo ti, na monnsunsuane mo ntadeɛ mu, na moanwuwu, na abufuo amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fie nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahye wɔn yi.

7Na mommfiri ahyiaeɛ ntomadan no ano nso, na moanwuwu, ɛfiri sɛ AWURADE sra ngo no wɔ mo so. Na wɔyɛɛ sɛdeɛ Mose kaeɛ no.

8Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ:

9Hes 44.21; 1 Ti 3.3; Tito 1.7 Wo ne wo mma nyinaa, ansa na mobɛhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsa biara, na moanwuwu. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

10Na moahunu ade kronkron ne adeɛ a ɛnyɛ kronkron ne adeɛ a ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ ntam nsonsonoeɛ,

11na moakyerɛkyerɛ Israelfoɔ ahyɛdeɛ a AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa.

12Na Mose kasa kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no sɛ: Momfa AWURADE gya afɔdeɛ mu aduane a ɛkaeɛ no, na monni no apiti, afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.

13Lew 2.3 Monni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, na ɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ ho kyɛfa ma wo ne wo mma, ɛfiri sɛ saa na wɔahyɛ me.

14Lew 7.34 Na ohim yan no ne mmasoɔ srɛ no, monni no deɛ ɛhɔ teɛ, wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo kyɛfa ne wo mma kyɛfa a wɔde ama mo afiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ mu.

15Mmasoɔ srɛ ne ohim yan no na wɔmfa nka sradeɛ a wɔhyeɛ no ho mmra, na wɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim, na ɛnyɛ wo deɛ ne wo mma deɛ nyɛ daa kyɛfa, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.

16Na bɔne ho afɔdeɛ papo no, Mose hwehwɛɛ no brɛɛ ara yie, na hwɛ, wɔahye no. Na ne bo fuu Aaron mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no, na ɔkaa sɛ:

17Adɛn nti na moanni bɔne ho afɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron, na ɛno na wɔde ama mo, sɛ monsoa asafo no mmusuo no, na mompata mma wɔn, AWURADE anim.

18Lew 6.26, 29 Hwɛ, wɔamfa ne mogya no amma kronkronbea dan no mu; anka ɛsɛ sɛ modi no kronkronbea hɔ, sɛdeɛ mehyɛɛ mo no.

19Na Aaron kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, ɛnnɛ wɔde wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne wɔn hyeɛ afɔdeɛ aba AWURADE anim, na adeɛ a ɛte seyie abɛto me yi; na sɛ medi bɔne ho afɔdeɛ nnɛ a, ɛbɛsɔ AWURADE ani anaa?

20Na Mose teeɛ no, n’akoma tɔɔ ne yam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help