2 Makabee 13 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔku Menelaus

1Afe ɔha ne aduanan mu no, Yuda ne ne mmarima tee sɛ Antiokus Eupator de asraafoɔ dɔm kɛse rebɛtua Yudea,

2na Lisias a amammuo hyɛ ne nsa no ka ne ho sɛ ne hwɛfoɔ. Wɔn mu biara kura Helafoɔ asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem ɔha ne du, ne apɔnkɔsotefoɔ mpem nnum ne ahasa, asono aduonu mmienu, ne nteaseɛnam a wɔde sekan kantankrankyi ahyehyɛ ho ahasa.

3Menelaus nso kɔkaa wɔn ho, na ɔde nyaatwom hyɛɛ Antiokus sɛ ɔnkɔ so ara nyɛ deɛ ɔreyɛ no, ɛnyɛ ne man yiedie nti, na mmom ɔdwenee sɛ ɛbɛma ne dibea no atim.

4Nanso ahemfo mu Hene no maa Antiokus bu fui tiaa onipa huhuni no; na ɛberɛ a Lisias ka kyerɛɛ no sɛ, ɛnam saa onipa yi so na ɔhaw no nyinaa aba no, ɔhene hyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ Boroea na wɔmfa ɛhɔ amammerɛ kwan a wɔfa so kum no nku no.

5Abantenten bi wɔ hɔ a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na nso ahyɛ mu ma, na ɛwɔ ano kawa a ɛtwa ho hyia a ɛsiane kɛse kɔ nso no mu.

6Ɛhɔ na wɔpia obiara a ɔdi fɔ wɔ abususɛm ho anaasɛ ɔnya din pa wɔ bɔne afoforɔ ho no ma ɔkɔ ɔsɛeɛ mu.

7Saa kwan yi so na Menelaus a ɔyɛ mmaratoni no nam so wui, a mpo wɔansie no wɔ asase so.

8Na yei yɛ ade tenenee titire; ɛfiri sɛ wayɛ bɔne bebree atia afɔrebukyia a ɛso gya ne nso yɛ kronkron no, ɔhyiaa ne wuo wɔ nso no mu.

Ɔsa a ɛbɛn Modein kuro mu

9Na ɔhene no de ahantan tantane reba abɛkyerɛ Yudafoɔ no nnoɔma a ɛnyɛ koraa sene deɛ wɔayɛ no dada no wɔ n’agya berɛ so.

10Nanso ɛberɛ a Yuda tee yei no, ɔhyɛɛ sɛ nkurɔfoɔ no mfrɛ Awurade awia ne anadwo, sɛ ɔmmɛboa wɔn a wɔresi wɔn kwan agye wɔn mmara, wɔn man ne asɔredan kronkron no,

11na mma ho kwan ma nkurɔfoɔ a wɔafiri aseɛ rekanyan wɔn ho ama yɛatɔ Amanaman abusuyɛfoɔ yi nsam.

12Ɛberɛ a wɔn nyinaa boom srɛɛ mmɔborɔhunufoɔ Awurade no, wɔde esu, mmuadadie ne da a wɔdedaa fam butubutuu hɔ nnansa a wɔanyae ara da. Yuda tuu wɔn fo na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ krado.

13Na ɔne mpanimfoɔ no kasa wɔ kokoam wieeɛ no, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsim na ɔnam Onyankopɔn mmoa so ɔbɛhu deɛ ɔbɛyɛ, ansa na ɔhene asraafoɔ no ahyɛne Yudea na wɔafa kuro no.

14Enti ɔde agyinasie no hyɛɛ wiase Bɔfo no nsa, na ɔtuu n’akofoɔ no fo sɛ wɔnko ko den nkɔ wuo mu ma mmara, asɔredan, kuro, ɔman, ne aman no, na ɔkyeree nsra a na ɛbɛn Modein.

15Ɔde nnyinasoɔ asɛm bi maa n’akofoɔ no sɛ, “Onyankopɔn nkonimdie”, na ɔyiyii mmeranteɛ akokoɔdurufoɔ no mu bi, na ɔne wɔn tuaa ɔhene no tenabea anadwo na ɔkunkumm mmarima bɛyɛ mpem mmienu wɔ nsraban no mu.

16Awieeɛ no, wɔmaa ehu ne sakasaka baa nsra no mu hɔ, na ɔsanee n’akyi wɔ nkonimdie mu.

17Yei sii wɔ berɛ a na anim mu reteteɛ no, ɛfiri sɛ wɔnyaa mmoa firii Awurade hɔ.

Antiokus ne Yudafoɔ no yɛ apam(1 Makabee 6.48-63)

18Ɔhene no hunuu Yudafoɔ no mmaninsɛm no, ɔfaa ɔkwan bi so sɛ ɔbɛtua wɔn wɔ faako a wɔwowɔ no.

19Ɔkɔtuaa Bet-sur, Yudafoɔ abandenden no na wɔkaa no gui, ɔtuaa bio, na wɔdii ne so nkonim.

20Yuda soma kɔmaa abansifoɔ no biribiara a ɛhia.

21Nanso Rodokus, Yudafoɔ no mu atitire no mu baako kɔkaa nsumaeɛ mu nsɛm kyerɛɛ ɔtamfo no; wɔhwehwɛɛ no kyeree no, na wɔde no kɔtoo afiase.

22Ɔhene no ne nnipa a wɔwɔ Bet-sur yɛɛ nhyehyɛɛ a ɛtɔ so mmienu, ɔbɔɔ anohoba ahodoɔ, na ɔgyee wɔn deɛ, ɔtwe sanee kɔtuaa Yuda ne ne mmarima, na ɔdii wɔn so nkonim;

23ɔtee sɛ, Filipo a wɔagya ne hɔ de amammuo ahyɛ ne nsa no ate atua wɔ Antiokia; ne ho dwirii no, ɔfrɛɛ Yudafoɔ no bae, ɔgyae mu na ɔdii nse kyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɛyɛ deɛ wɔfata nyinaa ama wɔn, ɔne wɔn siesiee wɔn ntam na wɔbɔɔ afɔdeɛ, ɔdii kronkronbea hɔ no ni, na ɔde akyɛdeɛ baa kronkronbea hɔ.

24Ɔgyee Makabeus, na ɔdane Hegemonides gyaa sɛ amrado firi Ptolemais kɔpem Gerar,

25na ɔkɔɔ Ptolemais. Nnipa a wɔwɔ Ptolemais no bo fuu wɔ nhyehyɛɛ a wɔyɛeɛ no; na nokorɛ mu no, wɔn bo fui ara sɛ, na anka ɔpɛ sɛ wɔtu nsɛm a ɛwɔ mu no gu.

26Lisias faa badwam apa no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu ara yie de danee wɔn adwene, pataa wɔn na ɔnyaa wɔn anisɔ, na ɔsiim kɔɔ Antiokia. Sei na ɔhene atua ne nsaneakyire wieeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help