2 Berɛsosɛm 28 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ahas ahennie bɔne

1 2 Ah 16 Ahas dii mfeɛ aduonu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Na wanyɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid.

2Na ɔnantee Israel ahemfo akwan so, na ɔyɛɛ guo ahoni nso maa Baalim.

3Deut 18.9-10, 12 Na ɔhyee aduhwam Hinom ba bonhwa no mu, na ɔhyee ne mma wɔ ogya mu, sɛdeɛ akyiwadeɛ a amanaman a AWURADE tutuu wɔn firii Israelfoɔ anim no yɛeɛ no teɛ no.

41 Ah 14.23 Na ɔbobɔɔ afɔdeɛ na ɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea ne nkokoɔ so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.

5Ɛnna AWURADE ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siriahene nsa, na wɔkaa no gui, na wɔfaa ne nnipa mu pii nnommum, na wɔde wɔn kɔɔ Damasko. Nanso ɔde no hyɛɛ Israel hene nsa, na ɔde okumkɛseɛ kaa no gui.

6Na Remalia ba Peka kunkumm Yuda mu nnipa mpemha aduonu da koro, mmarima a wɔtumi wɔn ho ara nko, ɛnam sɛ wɔagya AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn ntira.

7Na Sikri, Efraim dɔmmarima bi, kumm ɔhene ba Maaseia ne ahemfie bapɔmma Asrikam ne Elkana a ɔdi ɔhene akyire.

8Na Israelfoɔ no faa wɔn nuanom mu nnipa mpemahanu nnommum, mmaa, mmammarima ne mmammaa, na wɔfomm wɔn asadeɛ bebree fae, na wɔde asadeɛ no kɔɔ Samaria.

9 Gye 18.21; Esra 9.6 Na AWURADE diyifoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Oded. Ɔno na ɔfirii adi kɔhyiaa dɔm a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no abufuo a ɛsɔre tiaa Yuda no nti na ɔde wɔn ahyɛ mo nsa, na mode abohuro kɛseɛ akunkum wɔn.

10Na afei, Yuda ne Yerusalem mma no na mose moredi wɔn nya ayɛ nkoa ne mfenaa yi? Mo deɛ, ɛnyɛ mo ara na ɛso deda mo soɔ AWURADE mo Nyankopɔn anim?

11Na afei, montie me, na momma nnommum a mofaa wɔn firii mo nuanom mu no nsane nkɔ, na AWURADE abufuhyeɛ asɔre atia mo.

12Ɛnna Efraimfoɔ atitire mu binom, Yohanan ba Asaria, Mesilemot ba Berekia ne Salum ba Yehiskia ne Hadlai ba Amasa sɔresɔre tiaa wɔn a wɔfiri sa baeɛ no,

13na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa nnommum no mma ha, ɛfiri sɛ mode deɛ ɛde AWURADE anim asodie bɛba de abɛpae yɛn bɔne ne yɛn asodie dada no soɔ, ɛfiri sɛ yɛn asodie dɔɔso ma yɛn, na AWURADE abufuhyeɛ wɔ Israel so.

14Ɛnna wɔn a wɔamia no gyaa nnommum no ne asadeɛ no, asafohene no ne badwa no nyinaa anim.

15Mmb 25.21-22 Na mmarima a wɔabobɔ wɔn din no sɔresɔree, na wɔsosɔɔ nnommum no nsa, na wɔn mu wɔn a wɔdeda adagya no, wɔde asadeɛ no mu ntoma bi firafiraa wɔn, na wɔhyehyɛɛ wɔn ntadeɛ ne mpaboa, na wɔmaa wɔn aduane dii, ne nsuo nomee, na wɔsrasraa wɔn, na wɔde wɔn a wɔntumi nnanteɛ nyinaa tenatenaa mfunumu so, na wɔde wɔn baa Yeriko, mmɛ kuro no mu wɔn nuanom nkyɛn. Na wɔsane kɔɔ Samaria.

16Ɛberɛ no mu, Ɔhene Ahas soma maa wɔkɔɔ Asiria hene nkyɛn sɛ ɔmmɛboa no.

17Ɛfiri sɛ na Edomfoɔ no aba abɛkunkum Yudafoɔ bi na wɔafa binom nnommum.

18Na Filistifoɔ nso abɛgu mpaperɛ so ne Yuda anafoɔ fam nkuro so, na wɔagye Bet-semes ne Ayalon ne Gederot ne Soko ne ɛho nkurowa ne Timna ne ɛho nkurowa ne Gimso ne ɛho nkurowa, na wɔtenatenaa hɔ.

19Na ɛsiane sɛ Israelhene Ahas ayɛ Yuda mu bisibasaa, na wafom AWURADE nti, AWURADE brɛɛ Yuda ase.

20Na Asiriahene Tilgat-pilneser baa ne so bɛhiahiaa ne ho, na wanhyɛ no den,

21na Ahas kɔfaa AWURADE fie no ne ahemfie ne mmapɔmma no fie nnoɔma, na ɔde maa Asiriahene; nanso ammoa no.

22Na n’ahohiahia berɛ mu no Ɔhene Ahas no ara kɔɔ so fomm AWURADE,

23na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Damasko anyame a wɔkaa no guiɛ no, na ɔkaa sɛ: Siria ahemfo no anyame na wɔboa wɔn nti, wɔn na mɛbɔ wɔn afɔdeɛ na wɔaboa me. Nso wɔn na wɔyeyɛɛ ɔno ne Israel nyinaa suntidua.

24Na Ahas boaboaa Nyankopɔn fie nnwinneɛ ano, na ɔtwitwaa Nyankopɔn fie nnwinneɛ no mu, na ɔtotoo AWURADE fie apono no mu. Na ɔsisii afɔrebukyia Yerusalem ntwea nyinaa so.

25Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda nkuro nyinaa mu, sɛ wɔnhye aduhwam mma anyame foforɔ, na ɔhuruu AWURADE n’agyanom Nyankopɔn no bo.

26Na ne ho nsɛm nkaeɛ ne n’akwan nyinaa, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu.

272 Be 21.20 Na Ahas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Yerusalem kuro no mu; na wɔamfa no ankɔ Israel ahemfo asieeɛ. Na ne ba Hesekia bɛdii n’adeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help