Yeremia 36 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔkenkan nkɔmhyɛ nwoma no

1 Yer 25.1 Na Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu, asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ:

2Fa nwoma mmobɔeɛ bi kura, na twerɛ nsɛm a maka makyerɛ woɔ no nyinaa, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa ho, firi da a mekasa mekyerɛɛ woɔ, firi Yosia berɛ so de bɛsi nnɛ da yi no hyɛ mu.

3Yer 26.3 Ebia Yuda fie bɛtie bɔne a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no nyinaa, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne makyɛ wɔn.

4 Yer 32.12 Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk, na Baruk twerɛɛ AWURADE nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yeremia no nyinaa firii n’anomu de hyɛɛ nwoma mmobɔeɛ no mu.

5Na Yeremia hyɛɛ Baruk sɛ: Me deɛ, wɔato me mu, mentumi menkɔ AWURADE fie.

6Enti wo deɛ, kɔ na kɔkenkan AWURADE nsɛm a woatwerɛ afiri m’anomu no, mmobɔeɛ no mu, gu ɔman no aso mu, AWURADE fie, mmuada da no, na kenkan gu Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro so ba no nyinaa aso mu nso.

7Yer 36.3 Ebia wɔn nkotosrɛ bɛduru AWURADE anim, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ asɛm a AWURADE aka no ɔman yi ho no so kokuroo.

8Na Neria ba Baruk yɛɛ sɛdeɛ Odiyifoɔ Yeremia hyɛɛ no no nyinaa, na ɔkenkan AWURADE nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu wɔ AWURADE fie.

9Na Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nkron no, Yerusalem mu nkurɔfoɔ nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔfiri Yuda nkuro mu baa Yerusalem no paee AWURADE anim mmuadadie.

10Ɛnna Baruk kenkann Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu no guu ɔman no nyinaa aso mu, AWURADE fie, Safan ba Ɔtwerɛfoɔ Gemaria pia a ɛwɔ atifi abannwa mu no mu, AWURADE fie ponkɛseɛ foforɔ no ano.

11Na Safan ba Gemaria ba Mikaia tee AWURADE nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu no nyinaa no,

12ɔsiane kɔɔ ahemfie kɔɔ ɔtwerɛfoɔ pia mu, na hwɛ, ɛhɔ na na mmapɔmma no nyinaa, Ɔtwerɛfoɔ Elisama ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba Elnatan ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mmapɔmma no nyinaa teteɛ.

13Na Mikaia kaa nsɛm a Baruk rekenkan nwoma no agu ɔman no aso mu no ɔteeɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

14Ɛnna mmapɔmma no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi kɔɔ Baruk nkyɛn sɛ: Mmobɔeɛ a wokenkan guu ɔman no aso mu no, fa kura wo nsam bra. Na Neria ba Baruk faa mmobɔeɛ no kuraa ne nsam de baa wɔn nkyɛn.

15Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Tena ase ɛ, na kenkan gu yɛn aso mu. Ɛnna Baruk kenkan guu wɔn aso mu.

16Na wɔtee nsɛm no nyinaa no, wɔde ahodwirie hwehwɛɛ wɔn anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: Yɛbɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ ɔhene.

17Na wɔbisaa Baruk sɛ: Ka kyerɛ yɛn, wotwerɛɛ nsɛm yi nyinaa firii n’anomu anaa?

18Na Baruk ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔde n’ano na ɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ me, na me nso mede adubire twerɛ hyɛɛ nwoma mu.

19Na mmapɔmma no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: Kɔ na kɔhunta, wo ne Yeremia, na obiara anhunu deɛ mowɔ.

Wɔsɛe nkɔmhyɛ nwoma no

20Na wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn abannwa no mu, na wɔde mmobɔeɛ no siee Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia mu, na wɔkɔkaa nsɛm no nyinaa guu ɔhene aso mu.

21Na ɔhene somaa Yehudi sɛ ɔnkɔfa mmobɔeɛ no mmra; na ɔkɔfa firii Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia no mu bae; na Yehudi kenkanee, ɔhene ne mmapɔmma a wɔgyinagyina ɔhene ho no nyinaa aso mu.

22Na ɔhene te awɔberɛ dan mu, bosome a ɛtɔ so nkron no mu, na adeɛ mu gya a ɛredɛre no si n’anim.

23Na ɛbaa sɛ, sɛ Yehudi kenkan nkrataa mmiɛnsa anaa nnan no, ɔde ɔtwerɛfoɔ sekan sunsuanee, na ɔde guu ogya a ɛwɔ adeɛ mu no mu kɔsii sɛ mmobɔeɛ no nyinaa hyeeɛ, ogya a ɛwɔ adeɛ mu no mu.

242 Ah 22.11 Na wɔn akoma antu, na ɔhene ne ne nkoa a wɔtee nsɛm yi nyinaa no nyinaa ansunsuane wɔn ntadeɛ mu.

25Nanso Elnatan ne Delaia ne Gemaria paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhye mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn.

26Na ɔhene no hyɛɛ Ɔheneba Yerahmeel ne Asriel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔfa Ɔtwerɛfoɔ Baruk ne Odiyifoɔ Yeremia mmra; nanso AWURADE koraa wɔn so.

Wɔtwerɛ nkɔmhyɛ nwoma no bio

27 Yer 36.4 Na ɔhene hyee mmobɔeɛ ne nsɛm a Baruk twerɛ firii Yeremia anomu no akyiri no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

28Sane fa mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ akane nsɛm a ɛwɔ kane mmobɔeɛ no mu a Yudahene Yehoiakim hyeeɛ no nyinaa hyɛ mu.

29Yer 25.9-11; 7.20; 9.10 Na Yudahene Yehoiakim ho na ka no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wo deɛ, woahye mmobɔeɛ yi aka sɛ: Adɛn nti na wotwerɛɛ emu sɛ: Babel hene bɛba abɛsɛe asase yi, na wahye ɛso nnipa ne mmoa ase?

30Yer 22.19 Ɛno nti, sɛ AWURADE ka no Yudahene Yehoiakim ho nie: Ɔrennya obiara a ɔbɛtena Dawid adwa soɔ, na ne funu nso, wɔbɛto atwene, na ahuhuro afa so awia, na awɔ afa so anadwo.

31Na ɔno ne n’asefoɔ ne ne nkoa amumuyɛ no nti, mɛba mabɛtua wɔn so ka, na wɔn ne Yerusalemfoɔ ne Yuda mmarima so na mede bɔne a meka tiaa wɔn na wɔantie no nyinaa bɛba.

32Ɛnna Yeremia faa mmobɔeɛ foforɔ de maa Neria ba Ɔtwerɛfoɔ Baruk, na ɔtwerɛɛ nwoma a Yudahene Yehoiakim de ogya hyeeɛ no mu nsɛm no nyinaa firi Yeremia anomu hyɛɛ mu, na wɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno nso kaa ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help