1 Samuel 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Saulo di Amonfoɔ so nkonim

1 1 Sa 31.11 Na Amonni Nahas foro ba bɛkyeree Yabes-gilead so nsraban. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Ɛne yɛn mpam na yɛnsom wo.

2Yer 39.7 Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ metutu mo ani nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so.

3Na Yabes mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛn nnanson, na yɛnsomasoma abɔfoɔ nkɔ Israel ahyeɛ nyinaa so, na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛgye yɛn a, yɛafiri adi aba wo nkyɛn.

4Ɛnna abɔfoɔ no baa Gibea, faako a Saulo firi bɛkaa asɛm no ɔman no aso mu; na ɔman no nyinaa memaa wɔn nne so sui.

5Na hwɛ, na Saulo di anantwie akyi firi afuo mu reba; na Saulo kaa sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ ɔman yi na wɔresu yi? Na wɔkaa Yabesfoɔ nsɛm no kyerɛɛ no.

6Ate 14.6 Na Saulo tee nsɛm yi no, AWURADE honhom sii ne so, na ne bo fuu kɛse.

7Ate 19.29 Na ɔfaa anantwie mpamho twitwaa wɔn asinasini de hyehyɛɛ abɔfoɔ no nsa soma maa wɔkɔɔ Israel asase nyinaa so kɔkaa sɛ: Obiara a wamfiri adi ammɛdi Saulo ne Samuel akyire no, sɛ wɔbɛyɛ n’anantwie nie. Ɛnna AWURADE ho hu tɔɔ ɔman no soɔ, na wɔfiri baa sɛ onipa baako.

8Na ɔkan wɔn Besek, na Israelfoɔ no ano si mpem ahasa, na Yuda mmarima si mpem aduasa.

9Na wɔka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔbaeɛ no sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfoɔ no nie: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mobɛnya ɔgyeɛ. Na abɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfoɔ no, wɔn ani gyee.

10Na Yabesfoɔ no kaa sɛ: Ɔkyena yɛbɛfiri adi aba mo nkyɛn, na moayɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ mo ani soɔ nyinaa.

11Na adeɛ kyeeɛ no, Saulo buu ɔman no mu asafokuo mmiɛnsa na wɔkɔɔ nsraban no mu anɔpa dasuo mu, na wɔkunkumm Amon kɔduruu awia ketee. Na wɔn a ɛkaeɛ no bɔ petee a anka wɔn mu baanu mpo wɔ faako.

12 1 Sa 10.27 Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwan na ɔkaa sɛ: Saulo na ɔrebɛdi yɛn so hene yi, no? Fa nnipa no bra ma yɛnku wɔn.

131 Sa 14.45 Na Saulo kaa sɛ: Wɔnnkum obiara nnɛ da yi, ɛfiri sɛ ɛnnɛ AWURADE ayɛ nkwagyedeɛ Israel mu.

141 Sa 10.8 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Gilgal, na yɛnkɔyɛ ahennie no foforɔ wɔ hɔ.

15Na ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔkɔsii Saulo hene AWURADE anim wɔ Gilgal; na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim wɔ hɔ. Na Saulo ne Israel mmarima nyinaa ani gyee hɔ sɛ biribi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help