Daniel He NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)
NHYƐNMUWɔtwerɛɛ Daniel nwoma no wɔ berɛ a na Israelfoɔ rehu amane yie wɔ ɔhene bi a na ɔnnim Nyankopɔn berɛ so, enti na ɔhyɛ Yudafoɔ no so taa wɔn yɛ wɔn ayakayakadeɛ pii. Ɔtwerɛfoɔ no nam abasɛm ne anisoadehunu so hyɛɛ ne berɛ sofoɔ no nkuran, nyaa gyidie sɛ Onyankopɔn bɛsɛe saa ahennie no na ama ne nkurɔfoɔ no nam Onyankopɔn tumi so adi nkonim.Nwoma no wɔ afa atitire mmienu:1. Abasɛm a ɛfa Daniel ne ne mfɛfoɔ atukɔfoɔ a ɛnam wɔn gyidie ne ahobrɛaseɛ wɔ Nyankopɔn mu nti wɔdii wɔn atamfoɔ so nkonim. Saa abasɛm yi bae berɛ a na Babelfoɔ ne Persia ahennie wɔ soɔ.2. Daniel anisoadehunu ahodoɔ a ɔhunui a ɛyi ne ho adie wɔ nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ mu, na ɛkyerɛ ahennie ahodoɔ sɔreɛ ne asehweɛ na ɛfiri aseɛ wɔ Babel, na ɛtumi ma wɔhu deɛ ɔnnim Onyame no asehweɛ ne Onyankopɔn mma nkonimdie.EMU NSƐMDaniel ne ne nnamfonom 1.1—6.28Daniel anisoadehunu 7.1—11.451. Mmoa nan no 7.1-282. Odwennini ne ɔpapo no 8.1—9.273. Ɔsoro abɔfoɔ no 10.1—11.45Awieeɛ berɛ no 12.2-13